Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 1: Wɔafi Sum Mu
Wɔ Bible mu no, wɔde hann toto nokware ho, na wɔde sum toto atoro ho. (Dw. 43:3; Yes. 5:20) Satan maa esum baa wiase bere a ɔdaadaa Hawa, na awiei koraa no ɔmaa esum kabii duruu adesamma. (Adi. 12:9) Video a wɔato din Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 1: Wɔafi Sum Mu no ka sɛnea honhom mu hann fii ase hyerɛn wɔ sum mu ho asɛm. (Yes. 60:1, 2) Sɛ wohwɛ video no wie a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa yi anaa?
(1) Ɛyɛɛ dɛn na esum kabii fii ase durui wɔ asomafo no wu akyi? (2) Wɔ mfe 1,100 mfiase mu hɔ no, nsɛm bɛn na esisii a ɛmaa nkurɔfo hui sɛ asɔre no rekyerɛkyerɛ atosɛm? (3) Ná Henry Grew ne George Storrs yɛ nnipa bɛn? (4) Nsɛm bɛn na esisii Charles Russell asetena mu a ɛkaa no kɛse paa? (5) Ɔkwan bɛn na Onua Russell, ne papa, ne nnipa kakraa bi a na wɔka ne ho no faa so yɛɛ wɔn Bible adesua, na ntease a egyina Kyerɛwnsɛm so bɛn na wonyae? (6) Ɛyɛɛ dɛn na Bible adesua kuw yi ne Nelson Barbour kuw no ka boom, nanso dɛn na ɛmaa Onua Russell twee ne ho? (7) Dɛn na esii wɔ July 1879 mu a ɛmaa honhom mu hann fii ase hyerɛn? (8) Ɛno akyi no, dɛn na Bible Asuafo a na wɔredɔɔso no yɛ de trɛw asɛmpa no mu? (9) Dɛn na Bible Asuafo no de mfe pii hwɛɛ kwan ansa na afe 1914 reba? (10) Onua Russell wu akyi no, nsɛnnennen bɛn na Bible Asuafo no hyiae? (11) Dɛn na Bible Asuafo no yɛe bere a woyii Onua Rutherford ne ne mfɛfo no fii afiase no? (12) Ɔkwan bɛn so na video yi a wohwɛe no ama woanya anisɔ kɛse ama Yehowa ahyehyɛde no? (13) Ɔkwan bɛn so na video yi ama sɛnea woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no mu ayɛ den ɛmfa ho nsɛnnennen biara a wubehyia no? (14) Yɛbɛyɛ dɛn de video yi aboa yɛn abusuafo, Bible asuafo, ne afoforo?
Hwɛ honhom fam agyapade a ɛsom bo a Bible Asuafo a wodi kan no agyaw ama yɛn! Wɔ wiase a na aduru sum mu wɔ honhom fam no, wɔde akokoduru ne nsi kuraa hann no mu. Momma yensuasua wɔn nhwɛso no na ‘yɛnkɔ so nnantew sɛ hann mma.’—Efe. 5:8.