Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 2: Wɔma Hann no Hyerɛn
Bere a woyii Onua Rutherford ne n’ayɔnkofo no fii afiase wɔ afe 1919 mu no, na ɛsɛ sɛ Bible Asuafo no yɛ adwuma kɛse bi. Sɛnea wɔada no adi wɔ Yehowa Adansefo—Gyidi a Wɔda no Adi, Ɔfã 2: Wɔma Hann no Hyerɛn video no mu no, na nnipa pii bɛsɔre atia Bible Asuafo no, wɔbɛkɔ so anya Kyerɛwnsɛm no mu ntease, ná na wɔn gyidi bɛyɛ papa. (Mmeb. 4:18; Mal. 3:1-3; Yoh. 15:20) Sɛ wohwɛ video no wie a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa yi anaa?
(1) Akwan bɛn na Bible Asuafo no faa so maa asɛmpa no trɛwee? (2) Dɛn na esii wɔ nhyiam titiriw a wɔyɛe wɔ afe 1931 ne 1935 mu no ase? (3) Asɛntitiriw bɛn na na ɛwɔ November 1, 1939, Borɔfo Ɔwɛn-Aban no mu? (4) Ka nea esii wɔ Madison Square Garden bere a na Onua Rutherford rema ɔkasa a asɛmti no ne “Nniso ne Asomdwoe” no. (5) Asɛntitiriw bɛn na ɛdaa adi wɔ Onua Knorr kasa a asɛmti no ne “Asomdwoe—So Ɛbɛkyɛ?” no mu? (6) Nhyehyɛe bɛn na Yehowa Adansefo yɛe wɔ afe 1942 mu sɛ wɔde bɛtrɛw wɔn asɛnka adwuma no mu? (7) Ka nsɛm a wodii wɔ asɛnnibea wɔ United States, Canada, ne Greece no bi ho asɛm. (8) Ɔkwan bɛn so na Gilead sukuu no maa asɛnka adwuma no nyaa nkɔanim? (9) Adwuma a ɛho hia bɛn na wofii ase wɔ afe 1946 mu, na dɛn ntia? (10) Dɛn na Yehowa Adansefo yɛe ma enti wɔn abrabɔ ne Bible mu gyinapɛn hyiae? (11) Ka nsakrae ahorow a wɔyɛe wɔ afe 1970 mu hɔ de maa ahyehyɛde no dwumadi ne Bible no hyiae kɛse no bi ho asɛm. (12) Ɔkwan bɛn so na video yi a wohwɛe no ama woanya anisɔ kɛse sɛ ahyehyɛde yi yɛ Yehowa dea na ɔno na ɔrekyerɛ no kwan? (13) Ɔkwan bɛn so na video yi ama sɛnea woasi wo bo sɛ wobɛkɔ so de nsi ayɛ asɛnka adwuma no mu ayɛ den ɛmfa ho nsɛnnennen biara a wubehyia no? (14) Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so de video yi aboa yɛn abusuafo, Bible asuafo, ne afoforo?
Da biara da Yehowa Adansefo nya asɛm foforo ka wɔn abakɔsɛm ho. Dɛn na kyerɛwtohɔ no bɛka afa mmɔden a yɛbɔ wɔ asɛnka adwuma no mu ho? Te sɛ nea yɛn nuanom yɛe wɔ bere a atwam no mu no, momma yɛnkɔ so mfa nsi mma ‘hann no nhyerɛn’!—2 Kor. 4:6.