Yɛn Intanɛt Dwumadibea—Fa Yɛ W’ankasa Anaa W’abusua Adesua
Kenkan Nsɛmma Nhoma a Aba Foforo wɔ Intanɛt So: Kenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no wɔ Intanɛt so adapɛn bi ansa na yɛn nsa aka nea wɔatintim no wɔ yɛn asafo mu. Bɔ nsɛmma nhoma no mu nsɛm a ɛwɔ hɔ no bi tie.—Kɔ “Nhoma” na hwɛ “Nsɛmma Nhoma” afã hɔ.
Kenkan Nsɛm a Wɔde Gu Dwumadibea Hɔ Nkutoo No: Seesei wɔde afã bi te sɛ, “For Young People,” “My Bible Lessons,” “For Family Review,” ne “Young People Ask,” no gu yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ nkutoo. Kɔ Intanɛt no so na susuw nhoma ahorow a ɛwowɔ hɔ no bi ho bere a woreyɛ w’ankasa anaa w’abusua adesua no.—Kɔ “Bible Teachings” na hwɛ “Children” anaa kɔ “Bible Teachings” na hwɛ “Teenagers” afã hɔ.
Kenkan Amanneɛbɔ a Aba Foforo: Kenkan amanneɛbɔ ne osuahu ahorow anaa hwɛ video ahorow a ɛhyɛ nkuran a ɛfa sɛnea yɛn adwuma no renya nkɔso wɔ wiase nyinaa no ho. Nsɛm ahorow a ɛfa atoyerɛnkyɛm ne ɔtaa ho no betumi aboa yɛn ma yɛabɔ mpae pɔtee bi ama yɛn nuanom a wɔaba ahokyere mu no. (Yak. 5:16)—Kɔ “News” afã hɔ.
Yɛ Nhwehwɛmu wɔ Intanɛt So Nhomakorabea Hɔ: Sɛ saa ɔfã yi wɔ wo kasa mu a, wubetumi akenkan daa asɛm no wɔ kɔmputa anaa mobile fon anaa biribi a ɛte saa so, na wubetumi nso ayɛ nhwehwɛmu wɔ nhoma ahorow a wɔayɛ no nnansa yi ara no bi mu wɔ so.—Kɔ “Nhoma” na hwɛ “Intanɛt So Nhomakorabea” afã hɔ, anaa bɔ www.wol.jw.org wɔ beae a wokyerɛw address hyɛ no.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 4]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
Sɔ Hwɛ
1 Klik mfonini no so anaa kɔ “Download” afã hɔ. Nea wɔfrɛ no PDF no bebue mfonini no mu. Print bi ma wo ba ma onsua.
2 Klik “Bɔ” ahyɛnsode no so na hwɛ video no.