Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/13 kr. 1
  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Amos

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Amos
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Ɔman Bi Sɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Yehowa Atemmu Bɛba Abɔnefo So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Yoel ne Amos Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 9/13 kr. 1

Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Amos

1. Dɛn nti na Amos nhwɛso no betumi ama yɛanya akokoduru?

1 Woate nka pɛn sɛ woba fam ma enti womfata sɛ woka asɛm no bi? Sɛ saa a, ɛnde Amos nhwɛso no betumi ama woanya akokoduru. Ná ɔyɛ oguanhwɛfo, na ɛtɔ bere bi a okodi paa, nanso Yehowa hyɛɛ no den ma ɔkaa asɛm bi a emu yɛ duru kyerɛe. (Amos 1:1; 7:14, 15) Saa ara na ɛnnɛ nso Yehowa de nnipa a wɔba fam yɛ adwuma. (1 Kor. 1:27-29) Nneɛma afoforo a ɛfa asɛnka adwuma no ho bɛn na yebetumi asua afi odiyifo Amos hɔ?

2. Dɛn nti na yebetumi agyina ɔsɔretia a yehyia wɔ asɛnka mu no ano pintinn?

2 Gyina Ɔsɔretia Ano Pintinn: Amasia a na ɔyɛ wɔn a wɔsom nantwi ba wɔ Israel mmusuakuw du ahemman a ɛwɔ atifi fam sɔfo no tee nkɔm a na Amos rehyɛ no. Ɔde abufuw kae sɛ: ‘Kɔ wo kurom! Nhaw yɛn adwene! Yɛwɔ yɛn som!’ (Amos 7:12, 13) Amasia kokyinkyim asɛm a odiyifo no kae no kyerɛɛ Ɔhene Yeroboam na ɔkae sɛ ɔhene no mmara adwuma a na Amos reyɛ no. (Amos 7:7-11) Nanso Amos ammɔ hu. Ɛnnɛ, asɔfo binom hwehwɛ mmoa fi aban hɔ na ama wɔataa Yehowa nkurɔfo. Nanso, Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ akode biara a wɔbɛyɛ de aba yɛn so no renyɛ yiye.—Yes. 54:17.

3. Nneɛma abien bɛn na yɛka ho asɛm nnɛ?

3 Ka Onyankopɔn Atemmu ne Nhyira a Yebenya Daakye Ho Asɛm: Amos hyɛɛ nkɔm sɛ wobebu Israel mmusuakuw du ahemman no atɛn, nanso ɔkae wɔ Bible mu nhoma a ne din da so no awiei sɛ Yehowa ahyɛ bɔ sɛ wɔbɛsan afi nnommumfa mu aba na wobenya nhyira pii. (Amos 9:13-15) Yɛn nso yɛka Onyankopɔn ‘atemmu da’ a ɛreba ho asɛm, nanso ɛyɛ “ahenni ho asɛmpa” a ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ afoforo no fã bi. (2 Pet. 3:7; Mat. 24:14) Abɔnefo a Yehowa bɛsɛe wɔn wɔ Harmagedon no bɛbɔ kwan ma asase no ayɛ paradise.—Dw. 37:34.

4. Awerɛhyem bɛn na yɛwɔ sɛ yebetumi ayɛ Yehowa apɛde?

4 Ahenni no ho asɛm a yɛka wɔ wiase a nnipa pii sɔre tia yɛn wom no ma ɛyɛ den sɛ yɛbɛkɔ so de yɛn ho ama Yehowa koraa na yɛayɛ n’apɛde. (Yoh. 15:19) Nanso, yɛwɔ awerɛhyem sɛ Yehowa bɛkɔ so ama yɛn nea yehia ma yɛayɛ n’apɛde sɛnea ɔyɛ maa Amos no.—2 Kor. 3:5.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena