Fa Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ Nsɛm Kyerɛkyerɛ Wo Mma
1. Botae bɛn nti na wɔyɛɛ ɔfã a ɛne “Children” a ɛwɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ no?
1 Wɔayɛ yɛn Intanɛt dwumadibea a ɛne jw.org no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma mpanyin ne mmofra nyinaa ani agye ho. Ɔfã bi a ɛwɔ dwumadibea hɔ a ɛne “Children” (kɔ Bible Teachings > Children) no boa mmofra ne wɔn awofo ma wɔbɛn wɔn ho ne Yehowa nso. (Deut. 6:6, 7) Wobɛyɛ dɛn de nea ɛwɔ hɔ no akyerɛkyerɛ wo mma?
2. Wobɛyɛ dɛn atumi apaw nhoma a emu nsɛm no fata mfe a wo mma adi na wo ne wɔn asua?
2 Sakra Mu: Abofra biara wɔ nea ohia. (1 Kor. 13:11) Enti, wobɛyɛ dɛn atumi apaw nhoma a emu nsɛm no fata mfe a wo mma adi na wo ne wɔn asua? Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na me mma no ani gye ho? Nneɛma ahe na wobetumi asua? Bere tenten ahe na wobetumi atena ase asua ade?’ Sɛ mmofra no nnii mfe abiɛsa mpo a, wubetumi ne wɔn asusuw asɛm a ɛwɔ “My Bible Lessons” ase no ho. Mmusua foforo nso ani gye ho sɛ wɔde Bible mu nsɛm a ɛwɔ ɔfã a ɛne “Teach Your Children” no bɛyɛ adesua. Afei, wubetumi asusuw nea edidi so yi nso ho.
3. Awofo bɛyɛ dɛn de nsɛm ne dwumadi ahorow a ɛwɔ ““Family Worship Projects” afã hɔ no adi dwuma yiye?
3 “Family Worship Projects”: Dwumadi ahorow a ɛwɔ ɔfã yi no bɛboa mmusua ti ma wɔne wɔn mma asua ade. Klik asɛmfua “download” so, sɛ ebue a, nea ɛbɛba no yɛfrɛ no “Parents’ Guide.” Ebi wɔ dwumadi no mu biara ho, kenkan na ama woahu ɔkwan a wobɛfa so de asɛm a ɛwɔ hɔ no ayɛ adwuma. Wubetumi ama mmofra no de kɔla ahorow akeka mfonini a ɛwɔ “picture activities” hɔ no mu de akyerɛkyerɛ wɔn. Boa mmofra a wɔanyin kakra no ma wɔnyɛ dwumadi a ɛwɔ hɔ no nyinaa. Bible mu asɛm koro no ara na ɛwɔ hɔ, enti mmofra a ɛsono mfe a obiara adi betumi ayɛ bi wɔ abusua som koro no ara ase.
4. Dɛn na yebetumi ahu wɔ “Become Jehovah’s Friend” afã hɔ?
4 “Become Jehovah’s Friend”: Video ahorow, nnwom, ne dwumadi ahorow a ɛwɔ ɔfã yi wɔ yɛn Intanɛt dwumadibea hɔ no boa awofo ma wɔde Onyankopɔn Asɛm dua wɔn mma nkumaa mu. (Deut. 31:12) Video ntiantiaa a ɛwɔ hɔ no mu biara ma yenya asuade titiriw bi. Agoru bi te sɛ “search-and-find” a ɛwɔ ɔfã yi no ma yehu sɛ nsɛm a ɛwɔ hɔ no ho hia paa. Esiane sɛ mpɛn pii no mmofra ani gye nnwonto ho, na nnwom nso boa mmofra ma wɔkae nea wɔasua nti, wɔde Ahenni nnwom ne nnwom a wɔahyɛ da akyerɛw ama mmofra agu hɔ.
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn ma wɔmfa nokware no nkyerɛkyerɛ wɔn mma?
5 Awofo, Yehowa pɛ sɛ esi mo yiye sɛ ɛnanom ne agyanom. Enti, monsrɛ no mma ɔmmoa mo na momfa nokware no nkyerɛkyerɛ mo mma. (Ate. 13:8) Yehowa betumi aboa mo ma moatete mo mma ma ‘wɔahu nyansa akɔ nkwagye mu denam Kristo Yesu mu gyidi so.’—2 Tim. 3:15; Mmeb. 4:1-4.