Momfa Adiyifo no Nyɛ Nhwɛsode—Nahum
1. Dɛn na yɛsua fi Nahum nhoma no mu?
1 Yehowa maa Nahum hyɛɛ nkɔm sɛ ɔbɛtua n’atamfo ka, na atamfo a wɔn ho yɛ hu mpo ntumi nnyina n’anim. Ɛnnɛ, tete Niniwe kurow a adan amanfõ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm no yɛ nokware. (Nah. 1:2, 6) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase kenkan Nahum nkɔmhyɛ no a, yɛbɛhu sɛnea ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no.
2. Yɛbɛyɛ dɛn aka nsɛm a ɛbɛkyekye nkurɔfo werɛ?
2 Ma Nkurɔfo Nnya Awerɛkyekye ne Anidaso: Nahum kaa atemmusɛm tiaa tete Asiria ahenkurow, Niniwe, na sɛ wokan ne nhoma no a, mfiase no ɛbɛyɛ wo sɛ saa atemmusɛm no nkutoo na ɛwom. (Nah. 1:1; 3:7) Nanso Yehowa nkurɔfo de, na saa atemmusɛm no yɛ anigyesɛm. Nahum a ne din kyerɛ “Ɔwerɛkyekyefo” no maa ne mfɛfo Yudafo nyaa awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe wɔn atamfo pasaa! Nahum san kaee wɔn sɛ Yehowa ‘yɛ abannennen wɔ ahohia bere mu.’ (Nah. 1:7) Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛn nso yɛka asɛmpa kyerɛ nkurɔfo, na yɛhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa Yehowa nyɛ wɔn guankɔbea.—Nah. 1:15.
3. Yɛbɛyɛ dɛn de nhwɛso anaa mfatoho ayɛ adwuma te sɛ Nahum?
3 Fa Nhwɛso ne Mfatoho Yɛ Adwuma: Yehowa maa Nahum de Niniwe sɛe no totoo Egypt kurow Tebes (No-Amon) sɛe ho; Asiriafo na wɔsɛe Egypt kurow no. (Nah. 3:8-10) Sɛ yɛkɔ asɛnka na yɛreka wiase bɔne yi awiei ho asɛm akyerɛ nkurɔfo a, yɛbɛtumi akenkan Bible nkɔmhyɛ akyerɛ wɔn ama wɔahu sɛ ampa, asɛm biara a Yehowa aka no, ɛbɛbam; baako mpo ntɔ fam. Ɛho nhwɛso ne bere a Babilonfo ne Mediafo kɔtow hyɛɛ Niniwe kurow no so wɔ afe 632 A.Y.B mu no. Osubran bi a ɛtɔe no maa Asubɔnten Tigris yiri sram so, na ebubuu kurow no fasu a na ayɛ osiakwan no. Ɛno ma wɔsɛe Niniwe kurow no ntɛm sɛnea na Yehowa aka ato hɔ no.—Nah. 1:8; 2:6.
4. Yɛkɔ asɛnka a, yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn nsɛm mu ada hɔ ma nkurɔfo ate ase?
4 Ma Wo Nkyerɛkyerɛ Mu Nna Hɔ na Obiara Nte Ase: Yɛhwɛ sɛnea Nahum kyerɛw ne nsɛm no a, yehu sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma mu yiye ma emu daa hɔ fann. Sɛ ɔka asɛm bi a na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔbɛte ase. (Nah. 1:14; 3:1) Yɛn nso, sɛ yɛreka asɛm no a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn nsɛm mu da hɔ, na nkurɔfo atumi ate ase. (1 Kor. 14:9) Wokɔto obi bere a edi kan a, mfa wo nsɛm nwonwan, ma ɔnhu nea enti a woaba hɔ no pefee. Sɛ wo ne obi sua Bible a, boa no ma onya Yehowa ne n’Asɛm no mu gyidi. Ma ɔnhu sɛnea ɔno ankasa bɛtumi de nea ɔresua no ayɛ adwuma.—Rom. 10:14.
5. Awerɛhyem bɛn na Nahum nkɔmhyɛ no ma yɛnya?
5 Ahotoso a na Nahum wɔ wɔ Yehowa bɔhyɛ a ɛnni huammɔ mu no da adi pefee wɔ Bible mu nhoma a ne din da so no mu. Bere a Satan wiase yi rebɛn n’awiei no, yɛnya awerɛkyekye fi asɛm a Yehowa kae no mu. Ɔkae sɛ: “Ahohia rensɔre ne mprenu so.”—Nah. 1:9.