Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/14 kr. 7
  • Nnwom Foforɔ a Yɛde Bɛkamfo Yehowa!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnwom Foforɔ a Yɛde Bɛkamfo Yehowa!
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Woayɛ Krado sɛ Wobɛto Dwom Ama Yehowa wɔ Yɛn Nhyiam Ase?
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • To Dwom Ma Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 12/14 kr. 7

Nnwom Foforɔ a Yɛde Bɛkamfo Yehowa!

1 Berɛ a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania yɛɛ nhyiam October 4, 2014 no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔbɛyɛ nsakraeɛ wɔ yɛn nnwom nwoma no mu. Ná ɛyɛ anigyesɛm paa! Wɔsii so dua maa anuanom a wɔbaa nhyiam no nyinaa huu sɛ Ahennie nnwom di akoten paa wɔ yɛn som mu.​—Dw. 96:2.

2 Ebia wobɛbisa sɛ, ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnwom nwoma foforɔ?’ Nneɛma pii ntia. Nea ɛdi kan koraa, daa yɛnya nteaseɛ foforɔ wɔ Bible mu nsɛm bi mu, enti ɛho bɛhia sɛ yɛsesa yɛn nnwom no mu nsɛm bi. (Mmeb. 4:18) Afei nso, yɛasesa nsɛm bi wɔ Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ Bible no mu, na wei bɛka yɛn nnwom nwoma nso, efisɛ wɔyii mu nsɛm pii fii Bible dada no mu. Ɛsɛ sɛ nnwom no mu nsɛm ne Bible foforɔ no mu nsɛm hyia. Esiane sɛ ɛbɛgye berɛ ne adwumaden na yɛasesa nnwom no mu nsɛm nti, yɛayɛ sɛ yɛde nnwom foforɔ bi bɛka ho prɛko.

3 Ɛnneɛ, yɛbɛtwɛn akɔsi sɛ nnwom nwoma foforɔ bɛba ansa yɛafi aseɛ ato anaa? Dabi. Yɛde anigye rebɔ mo amanneɛ sɛ abosome kakra a ɛda yɛn anim yi, yɛde nnwom foforɔ no bi bɛgu jw.org Wɛbsaet hɔ. Sɛ wɔnya de to hɔ a, wɔbɛma yɛato wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadie bi ase de apɔn. Wɔbɛma yɛahu wɔ Yɛn Ahenni Som no mu sɛ ɛyɛ “dwom foforɔ.”

4 Sɛnea Yɛbɛsua Nnwom Foforɔ No: Dwom sua nna fam. Nanso sɛ yɛkɔ Kristofoɔ nhyiam a, yɛmpɛ sɛ ‘yɛbɛyɛ komm,’ mmom yɛpɛ sɛ yɛto dwom yi Yehowa ayɛ de suasua ɔdwontofoɔ no. (Dw. 30:12) Sɛ wopɛ sɛ wosua nnwom foforɔ no a, di akwankyerɛ a wɔde ama yi akyi.

  • Bɔ dwom a wɔde bɛto Wɛbsaet hɔ no tie mpɛn pii. Worebɔ nyinaa na ɛreka wo tirim.

  • Sua emu nsɛm no, na kye gu wo tirim.

  • Berɛ a worebɔ dwom no, bɔ mmɔden sɛ wobɛto adi akyiri. Yɛ no nkakrankakra saa kɔsi sɛ w’ano bɛtɔ so.

  • Sɛ moreyɛ Abusua Som a, mobɛtumi asua nnwom foforɔ no kɔsi sɛ abusua no nyinaa bɛhu to.

5 Sɛ wɔyɛ nhyehyɛeɛ sɛ yɛbɛto dwom foforɔ bi de apɔn Ɔsom Nhyiam a, wɔbɛdi kan abɔ ama yɛatie. Ɛno akyi no, yɛn nyinaa bɛbom ato sɛnea yɛyɛ no daa no.

6 Wo deɛ susu ho hwɛ, sɛ yɛto nnwom wɔ asafo nhyiam ase a, ɛma yɛn nyinaa de anigye bom yi Yehowa ayɛ. Ɛnneɛ, sɛ yɛkɔ Kristofoɔ nhyiam na yɛrebɛto dwom a, wosɔre pue anaa woto bi?

7 Ɔkwan foforɔ bi wɔ hɔ a yɛbɛtumi afa so akyerɛ sɛ yɛbu yɛn nnwom no sɛ ɛka yɛn som ho. Sɛ yɛkɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam a, ansa na yɛbɛfi dwumadie no ase anɔpa ne awia no, wɔdi kan bɔ nnwom. Wonim, afe biara anuanom mmarima ne mmaa fi wiase afanan nyinaa tu kwan tenten kɔhyiam wɔ Patterson, New York yɛ nnwom dɛdɛɛdɛ a wɔbɔ wɔ nhyiam ase no. Saa anuanom yi ara na wɔtua wɔn akwantuo no ho ka. Enti sɛ dwamtenani no ka sɛ yɛmpɛ baabi ntena ntie nnwom no a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Wei bɛma yɛasiesie yɛn akoma atie nsɛm a wɔbɛka no.​—Esra 7:10.

8 Sɛ yɛde nhyiam yi reba awiei a, yɛbɛto dwom foforɔ de apɔn. N’asɛmti ne “Ahennie no Redi Tumi​—Ma Ɛmmra!” Wɔtoo dwom yi wɔ afe afe nhyiam a wɔyɛɛ no nnansa yi ara no ase. Ahennie no adi mfirihyia 100, na ɛno nti na wɔhyehyɛɛ dwom yi.

9 Anokwa, nnwom foforɔ yi yɛ “nneɛma pa” a ɛfi Yehowa hɔ ampa! (Mat. 12:35a) Momma yɛnyere yɛn ho nsua nnwom foforɔ yi, na yɛmfi yɛn akomam nto nyi yɛn Nyankopɔn ayɛ!​—Dw. 147:1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena