Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 December kr. 5
  • Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ahenni Nnwom Ma Yenya Akokoduru
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nnwom Foforɔ a Yɛde Bɛkamfo Yehowa!
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 December kr. 5
Bra Bɛyɛ Yehowa Adamfo Dwom 84: Yɛbɛboa Adwuma No

KRISTOFO ABRABƆ

Fa Anigye To Dwom Yi Yehowa Ayɛ

Bere a Paulo ne Silas gu afiase no, wɔtoo dwom yii Yehowa ayɛ. (Aso 16:25) Biribiara kyerɛ sɛ dwom a wɔtoe no hyɛɛ wɔn den ma wotumi gyinaa tebea no ano. Yɛn nso ɛ? Sɛ yehyia sɔhwɛ a, nnwom a yɛto wɔ asafo nhyiam ase ne nea asafo no ayɛ nanso enni yɛn nnwom nhoma mu no betumi ahyɛ yɛn den, na aboa yɛn ama yɛakɔ so adi nokware. Ne kɛse koraa ne sɛ, yɛde yi Yehowa ayɛ. (Dw 28:7) Wɔahyɛ yɛn nkuran sɛ anyɛ yiye koraa no, yɛnkyere nnwom no bi mu nsɛm ngu yɛn tirim. Woabɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa? Sɛ yɛreyɛ abusua som a, yebetumi asua sɛnea yɛto nnwom ahorow no, na yɛakyere emu nsɛm no agu yɛn tirim.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMOFRA TO DWOM DE YI YEHOWA AYƐ, NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Mmabaa mmienu bi reto dwom wɔ studio

    Sɛ yɛto Ahenni nnwom a, mfaso bɛn na yebetumi anya?

  • Onuawa bi resiesie studio ama mmofra no abɛto dwom wɔ hɔ

    Sɛ anuanom rebɛto nnwom ama wɔakyere agu afiri so a, dɛn na Audio/Video Dwumadibea no yɛ de siesie wɔn ho?

  • Abusua bi reyɛ abusua som, na wɔreto dwom

    Sɛ mmofra no rebɛto nnwom a, dɛn na wɔne wɔn awofo yɛ de siesie wɔn ho?

  • Mmofra bi abom reto dwom

    Ahenni nnwom bɛn na ɛyɛ wo dɛ pa ara? Adɛn ntia?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena