Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
Ɔwɛn-Aban April 1
“Yɛrekyekyɛ kratawa yi wɔ mpɔtam ha nyinaa. [Fa kratawa a wɔato din Wohwɛ a, Bible Yɛ Nhoma Bɛn? baako ma ofiewura no na bisa nsɛm a ɛwɔ anim hɔ no. Fa nea Bible aka wɔ 2 Timoteo 3:16 no kyerɛ no, na hyɛ no nkuran sɛ ɔnya bere a ɔnkan kratawa no.] Nnipa pii nnim sɛ nsɛm a ɛte saa ho mmuae wɔ Bible mu. [Bue Ɔwɛn-Aban no kɔ kratafa 3 na fa nsɛmmisa a ɛwɔ soro hɔ no kyerɛ no.] Nsɛmma nwoma yi bɛboa wo ma woanya mmuae no wɔ wo Bible mu.”
Nyan! April
“Nneɛma asesa wɔ mmusua pii mu nnɛ, na yɛtumi hu sɛ wei haw nnipa bebree. Tete no, na mmofra brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn awofo ase. Nanso nnɛ ɛnte saa; mmusua pii mu no ɛsɛ sɛ awofo mmom brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn mma ase. Wosusu sɛ awofo teɛ wɔn mma so sɛnea ɛfata? [Twɛn ma ɔmmua.] Bible ma yɛhu sɛ nteɛso ho hia paa. [Kenkan Mmebusɛm 29:17.] Nsɛmma nwoma yi ma yɛhu nea Bible ka wɔ nteɛso ho. Ɛbɛboa awofo ma wɔahu nteɛso a ɛfata a wɔde bɛma wɔn mma.”