Nneɛma a Yɛde Kyerɛkyerɛ
1. Adɛn nti na yɛbɛtumi de Kristofo asɛmpakafo atoto adwumfo ho?
1 Odwumfo de nnwinnade pii yɛ adwuma. Ɛtɔ da a, ɔde saa nnwinnade yi bi di dwuma soronko anaa ɔde yɛ ade titiriw bi. Nanso ebi wɔ hɔ a, ɔde yɛ adwuma daa. Odwumfo a ɔnim n’adwuma wɔ adaka a ɔde nneɛma a ɔde yɛ adwuma daa gu mu. Esiane sɛ ɔde yɛ adwuma daa nti, ɔsɔ mu sɛ ɔde reyɛ biribi a wohu sɛ ɔnim nea ɔreyɛ. Bible tu Kristoni biara fo sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ ɔsom adwuma no mu, na ɔnyɛ “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho.” (2 Tim. 2:15) Ɛnneɛ, dɛn ne ade titiriw a Kristofo de yɛ adwuma? Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm no, na ɛno paa na ɛboa ma yɛyɛ asuafoyɛ adwuma no. (Mat. 28:19, 20) Enti ɛsɛ sɛ obiara sua sɛ ɔde Bible no bɛyɛ adwuma yie na wayɛ odwumayɛni a “ɔkura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.” Nanso nnwinnade foforo pii wɔ hɔ a yɛde di dwuma wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu, na ehia sɛ Kristoni biara sua sɛnea ɔde bɛkyerɛkyerɛ nokware no yie.—Mmeb. 22:29.
2. Nneɛma bɛn na yɛtaa de kyerɛkyerɛ wɔ asɛnka mu?
2 Nneɛma a Yɛtaa De Yɛ Adwuma: Bible da nkyɛn a, nneɛma bɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu? Nwoma baako a yɛnkɔ nnya hɔ wɔ asuafoyɛ adwuma no mu ne Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? Sɛ yɛne obi sua wie a, yɛde “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu” nwoma no toa so, na ɛno boa ma osuani no hu sɛnea ɔde Bible bɛbɔ ne bra da biara. Wei nti, ɛsɛ sɛ yɛsua sɛ yɛde nwoma mmienu yi bɛkyerɛkyerɛ yie. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi nwomawa nso. Sɛ yɛfa Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no sei a, ɛboa ma yɛtumi fi Bible adesua ase. Sɛ yɛhyia obi na ɔnnim akenkan papa anaa yɛnni nwoma wɔ ne kasa mu a, yɛbɛtumi de Tie Onyankopɔn anaa Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa nwomawa no aboa no. Nwomawa a wɔato din Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? no nso bɛboa ma yɛn Bible asuafo ahu Yehowa ahyehyɛde no yie. Video nso di akoten wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu. Ebi ne, Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible?, Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So?, ne Does God Have a Name? Enti ɛsɛ sɛ yɛhu ɔkwan a yɛbɛfa so de adi adanse.
3. Dɛn na Yɛn Ahenni Som a ɛrebɛba no bi bɛboa ma yɛayɛ?
3 Yɛn Ahenni Som a ɛbɛba no bi bɛboa ma yɛahu ɔkwan a yɛbɛtumi de nnwinnade ahorow yi ayɛ adwuma na yɛn nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Sɛ yɛyere yɛn ho de nnwinnade yi nyinaa yɛ adwuma yie a, ɛbɛkyerɛ sɛ yɛayɛ aso retie afotu yi: “Ma w’ani mmra wo ho ne wo nkyerɛkyerɛ so berɛ nyinaa. Bata yeinom ho, na sɛ woyɛ saa a, wobɛgye wo ho ne wɔn a wɔtie woɔ no nkwa.”—1 Tim. 4:16.