Suasua Wɔn Gyidi
1. Ɛfi October 19 rekɔ no, nwoma bɛn na yɛde bɛyɛ Asafo Bible Adesua?
1 Ɛfi October 19, 2015 rekɔ no, yɛde Suasua Wɔn Gyidi nwoma no na ɛbɛyɛ Asafo Bible Adesua. Nwoma yi ka Bible mu nnipa 14 a wɔdaa gyidi adi ho asɛm. Ɛbɛboa ma yɛahu sɛ saa mmarima ne mmaa yi yɛ Yehowa asomfo anokwafo a wɔtenaa ase ankasa, na wɔhyiaa sɔhwɛ ahorow wɔ wɔn som mu. Bio nso asuade pii wom a yɛbɛtumi de abɔ yɛn bra nnɛ.—Heb. 6:12.
2. Sɛn na wɔayɛ Suasua Wɔn Gyidi nwoma no?
2 Emu Nneɛma Bi: Wɔde mmere a nsɛm bi sisii ne map aka nwoma yi ho na ama yɛahu bere a onipa no tenaa ase ne baabi a ɔtenaeɛ. Afei nso ti biara mu no, wobɛhu ɔfã bi a wɔato din, “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho . . . .” Ɛbɛboa ma yɛasusu asɛm no ho na yɛde asuade a ɛwom no ayɛ adwuma. Mfoni a ɛyɛ fɛ pii wom. Anuanom too wɔn bo ase yɛɛ nhwehwɛmu ansa na wɔreyɛ mfoni no, na ɛbɛboa ma yɛahu nsɛm no ani so yie.
3. Sɛ yɛbɛtumi anya nwoma yi so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
3 Sɛnea Wobɛnya So Mfaso: Nwoma no mfiase pɛɛ no, yɛbɛhu krataa bi a Akwankyerɛ Kuw no akyerɛw. Nkuranhyɛsɛm a ɛwom no bi ni: ‘Twa asɛm a worekenkan no ho mfoni wɔ w’adwenem; fa w’adwene nyinaa si so. Bɔ mmɔden sɛ wobɛte nka sɛnea wɔn a Bible ka wɔn ho asɛm no tee nka no, na hwɛ sɛ wobɛhu nea wɔhuiɛ no anaa. Fa sɛnea wɔyɛɛ wɔn ade wɔ tebea bi mu no toto sɛnea sɛ ɛyɛ wo a anka wobɛyɛ no ho.’ Sɛ wɔka sɛ twa asɛm no ho mfoni wɔ w’adwenem a, ɛnkyerɛ sɛ bɔ wo tirim keka nsɛm bi kɛkɛ, na mmom nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wobɛdwennwene nea Kyerɛwnsɛm no ka fa onipa no ho na woahu nea ɔfaa mu. Sɛ wobɛtumi ayɛ wei nyinaa a, gye sɛ wonya bere de susu nsɛm ho. (Neh. 8:8) Sɛ yɛafi ti bi ase dada na yɛretoa so a, nea ɔrehwɛ adesua no so bɛtumi de anibu 30 kɔsi 60 atĩ nnawɔtwe a ɛtwaam adesua no mu. Sɛ yɛsua kɔsi mfimfini baabi na ɔfã a wɔato din “Nsɛmmisa a Ɛsɛ sɛ Wususuw Ho . . .” nka ho a, ɔbɛtumi abisa asɛm baako anaa mmienu bi de ayɛ ntĩmu.
4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua nwoma yi?
4 Wiase a yɛte mu yi, nneɛma a ɛbɛsɛe yɛn gyidi nko ara na daa yɛhyia. Suasua Wɔn Gyidi nwoma yi ne gyidifo foforo ho nsɛm a wɔde ba Ɔwɛn-Aban mu no nyinaa yɛ akyɛde a ɛfi Yehowa hɔ a ɛhyɛ yɛn gyidi den. (Yak. 1:17) Enti momma yɛnkɔ Asafo Bible Adesua daa. Sɛ yɛkɔ nso a, yɛnsiesie yɛn ho yie mma mmuaeɛ. Yɛyɛ saa a, yɛbɛnya nwoma no so mfaso kɛse!