‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
1. Efi March 14 dapɛn no, nhoma bɛn na yebefi ase asua wɔ Asafo Bible Adesua ase?
1 Wɔ March 14, 2011 dapɛn no mu no, yebefi ase asua ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’ nhoma no wɔ Asafo Bible Adesua ase. Nhoma yi kyerɛkyerɛ Asomafo Nnwuma no mu, na sɛnea wɔakyerɛw nhoma yi bɛma akenkanfo ate nka sɛ na wɔwɔ hɔ bi na Asomafo Nnwuma no mu nsɛm sisii. Wɔankyerɛkyerɛ nkyekyɛm biara a ɛwɔ Asomafo Nnwuma no mu no mmiako mmiako wɔ Di Adanse nhoma no mu, na mmom nhoma no twe adwene si asuade a ɛwɔ nsɛm a esisii no mu so, na ɛboa yɛn ma yehu sɛnea yebetumi de abɔ yɛn bra.—Rom. 15:4.
2. Kyerɛkyerɛ Di Adanse nhoma no afã ahorow no bi mu.
2 Nhoma no Afã Ahorow: Nnianim nsɛm a ɛwɔ kratafa 2 no yɛ krataa a efi Sodikuw no hɔ a ɛkyerɛ sɛnea wɔpɛ sɛ yenya nhoma yi so mfaso. Efi ti 2 so no, asɛm bi wɔ ti biara mu a ɛtwe adwene si asɛm titiriw a ɛwɔ ti no mu so, ne Kyerɛwsɛm bi a wɔatwe adwene asi so a ɛrekyerɛ Asomafo Nnwuma no fã a wɔbɛkyerɛkyerɛ mu. Wɔ ti ahorow pii mu no, nnaka bi wɔ hɔ a ɛma yehu nnipa, mmeae ne nsɛm bi ho abakɔsɛm. Akwan akɛse wɔ nhoma no ano a yebetumi akyerɛw nsɛm wɔ hɔ. Wɔ nhoma no nyinaa mu no, wubehu Bible mu nsɛm ho mfonini a ɛyɛ fɛ a ɛboa ma yetwa nsɛm a ɛho hia ho mfonini, ne nkekaho a mfonini wom wɔ kratafa a etwa to no a ɛrekyerɛkyerɛ nea mfonini no mu biara gyina hɔ ma mu. Wɔayɛ asase mfonini wɔ nnuraho no mu—anim ne akyi—a ɛboa ma yehu nkɔso a yɛn mfɛfo asomfo a wɔtenaa ase wɔ afeha a edi kan no mu nyae bere a wofii ase sɛ wɔretrɛw asɛmpa no mu “de akɔ asase ano nohoa” no.—Aso. 1:8.
3. Nsɛmmisa a ɛho hia bɛn na Asomafo Nnwuma no a yebesua no bɛma yɛanya ho mmuae?
3 Nsɛmmisa a Ɛho Hia Ho Mmuae: Asomafo Nnwuma no a yebesua no bɛboa ma yɛanya nsɛmmisa bi a ɛho hia a ɛfa Kristofo som adwuma no ho mmuae pefee. Sɛ nhwɛso no, adwuma ho ne asɛm bɛn na ɛma wohu Yesu Kristo akyidifo ankasa? Hena na ɔkyerɛ wiase nyinaa asɛnka adwuma no kwan, na ɔkwan bɛn na ɔfa so yɛ saa? Sɛ asɛmpakafo hyia ɔtaa ne ɔsɔretia a, hokwan bɛn na ebue ma wɔn? Dwuma bɛn na honhom kronkron di wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu?
4. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya nhoma a yɛrebesua yi so mfaso kɛse?
4 Nea ɛbɛyɛ na woanya adesua no so mfaso kɛse no, di kan sua nhoma no, na siesie wo ho sɛ wobɛma mmuae wɔ asafo nhyiam ase. Kɔ adesua daa, na dwinnwen ɔkwan a wobɛfa so de asuade a ɛwom no adi dwuma wɔ w’asɛnka mu ho. Ɛmmra sɛ nhoma yi a emu nsɛm yɛ anigye a yɛrebesua no bɛkanyan yɛn ma yɛadi Onyankopɔn Ahenni no ho adanse fefeefe!—Aso. 28:23.