Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/15 kr. 2
  • Nea Ɛbɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Apusu Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Ɛbɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Apusu Nkurɔfo
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔden a Wɔbɔ Du Komam
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Kɔ So Tu Mpɔn Sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Sɛ Wokyerɛkyerɛ A, Du Koma No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 10/15 kr. 2

Nea Ɛbɛma Yɛn Nkyerɛkyerɛ Apusu Nkurɔfo

1. Yesu nkyerɛkyerɛ kaa n’atiefo sɛn?

1 Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ kaa nkurɔfo koma. Bible ma yɛhu sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ Kyerɛw nsɛm no mu maa no ‘pusuu’ n’asuafo no. (Luka 24:32) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛyi yɛn yam yɛ n’apɛde. Ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn nkyerɛkyerɛ apusu Bible asuafo ma wɔayɛ nsakraeɛ wɔ wɔn asetenam?—Rom. 6:17.

2. Sɛ yɛnya abotare ma Bible asuafo a, dɛn na ɛbɛfi mu aba?

2 Nya Abotare na Da Ntease Adi: Nnipa pii wɔ hɔ a, wokyerɛ wɔn sɛ ‘wei yɛ papa, wei yɛ bɔne’ a, ɛmpusu wɔn. Nea ebinom kyi koraa ne sɛ wobɛka biribi de abɔ wɔn som agu. Woyɛ w’adwene sɛ wobɛkenkan kyerɛw nsɛm pii de adan wɔn adwene a, na woresɛe asɛm no koraa. Yɛbɛtumi aboa obi a, ɛsɛ sɛ yɛhu nea enti a ɔkura gyidi bi mu anaa ɔyɛ nneɛma bi. Sɛ yɛto yɛn bo ase bisabisa no nsɛm a, ɛbɛma yɛahu nea ɛwɔ ne komam. (Mmeb. 20:5) Ɛno bɛma yɛahu Bible mu asɛm a yɛbɛtumi de aboa no. Wei kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛnya nkurɔfo ho abotare na yɛma wɔhu sɛ yɛdwene wɔn ho. (Mmeb. 25:15) Kae sɛ ebinom nya nkɔso ntɛmtɛm, nanso ebinom nkɔso ba nkakrankakra. Enti nya abotare, na nkakrankakra Yehowa honhom kronkron bɛboa wɔn ma wɔde nea wɔresua no ayɛ adwuma.—Mar. 4:26-29.

3. Yɛbɛyɛ dɛn de Bible akyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔanya suban pa?

3 Boa Ma Wɔmfa Nea Wɔresua Mmɔ Wɔn Bra: Nsɛm pii wɔ Bible mu a yɛbɛtumi de aboa Bible asuafo ama wɔasuasua Yehowa papayɛ ne ne dɔ. Yɛbɛtumi akenkan Dwom 139:1-4 anaa Luka 12:6, 7 de akyerɛ wɔn sɛ Onyankopɔn dwene yɛn mu biara ho. Sɛ wɔhu sɛ Yehowa dwene wɔn ho a, ɛbɛka wɔn ma wɔadɔ no na wɔasom no. (Rom. 5:6-8; 1 Yoh. 4:19) Afei ma wɔnhu sɛ wɔn nneyɛe bɛtumi ama Yehowa ani agye anaa ne werɛ aho. Ebia wei bɛka wɔn ma wɔayɛ nea ɛsɔ n’ani.—Dw. 78:40, 41; Mmeb. 23:15.

4. Sɛ yɛrekyerɛkyerɛ afoforo a, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛmfa asɛm no nhyɛ wɔn so?

4 Yehowa nhyɛ obiara sɛ ɔnsom no. Nea ɔyɛ ara ne sɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛhu sɛ yɛde ne mmara yɛ adwuma a ɛbɛsi yɛn yie. (Yes. 48:17, 18) Ɛnneɛ yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yehowa? Ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔn ankasa si wɔn gyinaeɛ. Sɛ wɔn ara gye tom sɛ ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn akwan a, wɔnya so mfaso kɛse. (Rom. 12:2) Wɔyɛ nsakraeɛ saa a, ɛma wɔne Yehowa tumi fa adamfo, efisɛ ɔno na “ɔhwehwɛ akoma mu.”—Mmeb. 17:3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena