KRISTOFO ABRABƆ
Adwuma a Ɛsen Biara
Hokwan bebree abue ama mmerante ne mmabaa wɔ Yehowa ahyehyɛde mu. Hwɛ video a wɔato din Adwuma a Ɛsen Biara. Wubehu nea Cameron de ne mmabaabere yɛe ne mfaso a efii mu bae. Wohwɛ video no wie a, bua nsɛmmisa a ɛwɔ ase ha no. (Kɔ jw.org/tw, na hwɛ BIBLE NKYERƐKYERƐ > MMABUN.)
Dɛn na ehia Cameron paa wɔ n’asetenam?
Bere bɛn na osii gyinae sɛ ɔbɛtrɛw ne som adwuma mu, na dɛn na ɔyɛe?
Bere a ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akɔboa asɛnka adwuma wɔ ɔman foforo so no, ahoboa bɛn na ɔyɛe?
Nsɛnnennen bɛn na ohyiae wɔ hɔ?
Sɛ yɛntenaa baabi da mpo a, adɛn nti na ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkɔyɛ asɛnka adwuma wɔ hɔ?
Nhyira bɛn na Cameron nyae?
Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa som ne ade a ɛsom bo paa wɔ asetena mu?
Hokwan foforo bɛn na ɛwɔ hɔ ma mmerante ne mmabaa wɔ Yehowa som mu?