Sɛn na Wobɛkyerɛkyerɛ Afe 1914 Mu Akyerɛ Obi?
Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnyɛ krado sɛ yɛde anoyie’ bɛma wɔn a wɔbisa yɛn gyidie ho asɛm no, ‘nanso yɛnyɛ no ɔdwoɔ ne obuo a emu dɔ mu.’ (1 Pet. 3:15) Nanso ɛtɔ da a, Bible mu nokorɛ a emu dɔ no bi wɔ hɔ a ɛtumi yɛ den sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ mu yie. Yɛmfa no sɛ obi abisa wo sɛ, ɛyɛɛ dɛn na yɛhunuu sɛ Onyankopɔn Ahennie firii aseɛ dii tumi afe 1914? Mmuaeɛ bɛn na anka wode bɛma no? Wei nti, wɔde asɛm bi a wɔato din “Yehowa Dansefo Bi ne Obi Bɔ Nkɔmmɔ—Bere Bɛn na Onyankopɔn Ahenni Fii Ase Dii Tumi?” aba Ɔwɛn-Aban a yɛde kɔ asɛnka no mu. Ɛyɛ afã mmienu; nea ɛdi kan no wɔ October Ɔwɛn-Aban no mu, na nea ɛtɔ so mmienu no nso bɛba November deɛ no mu. Sɛ wohwɛ Ɔwɛn-Aban no mu a, wobɛhu ɔkwan a ɔdawurubɔfoɔ bi a wɔfrɛ no Cameron faa so maa asɛmmisa yi ho mmuaeɛ. Worekenkan saa asɛm yi a, susu nsɛmmisa a ɛwɔ aseɛ ha no ho.
Ɔkwan bɛn so na . . .
ɔkamfoo efiewura no de kyerɛɛ sɛ ɔne no yɛ adwene?—Aso. 17:22.
ɔdaa ahobrɛaseɛ adi berɛ a ɔrekyerɛkyerɛ ne gyidie mu no?—Aso. 14:15.
Adɛn nti na . . .
ɔkyerɛkyerɛ asɛm bi mu wie a, ɛyɛ a ɔtĩ mu ansa na wakɔ foforɔ so?
ɛyɛ a ɔgyina kakra bisa efiewura no sɛ wate nea ɔreka no ase?
da a ɛdi kan no, wamfa nsɛm pii ampuapua efiewura no?—Yoh. 16:12.
Yɛda Yehowa yɛn “Kyerɛkyerɛfoɔ Kunini” no ase paa; ɔkyerɛkyerɛ yɛn ma yɛhunu sɛnea yɛbɛkyerɛkyerɛ Bible mu nokorɛ a emu dɔ mu akyerɛ wɔn a nokorɛ ho kɔm de wɔn no!—Yes. 30:20.