BIBLE MU AKORADE | NNWOM 45-51
Yehowa Rempo Koma a Abubu
Dawid na ɔkyerɛw Dwom 51 no. Bere a odiyifo Natan yii n’atɛn wɔ bɔne kɛse a ɔne Bat-Seba yɛe ho no akyi na ɔkyerɛwee. Dawid ahonim fii ase haw no, na ɔbrɛɛ ne ho ase gyee ne mfomso toom.—2Sa 12:1-14.
Ná Dawid ayɛ bɔne de, nanso na ɔne Yehowa ntam betumi asan ayɛ papa
Ansa na ɔrennu ne ho aka ne bɔne no, n’ahonim haw no maa ne ho yeraw no
Onyankopɔn ani annye nea ɔyɛe no ho. Wei haw no ara ma ɔtee nka sɛ obi a ne nnompe mu abubu
Ná ɔpɛ sɛ Onyankopɔn de ne bɔne firi no ma ɔne ne ntam san yɛ papa, na wanya anigye a na ɔwɔ no
Ofi ahobrɛase mu srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa no mma onnyi ne yam ntie no
Na ogye di paa sɛ Yehowa de ne bɔne befiri no