BIBLE MU AKORADE | MMEBUSƐM 27-31
Bible Ma Yehu Ɔbea a Ɔyɛ Ɔyere Pa
Mmebusɛm ti 31 ka nsɛm a emu yɛ duru a Ɔhene Lemuel maame de tuu no fo. Afotu pa a ne maame de maa no no, ɛboaa no ma ohuu nea ɔbɛhwɛ wɔ ɔbea bi ho ahu sɛ ɔyɛ ɔyere pa.
Ɔyere pa di nokware
Sɛ abusua no resi gyinae bi a, adwenkyerɛ a ɔde ba no, aba wom. Nanso ne nyinaa mu no, ɔbrɛ ne ho ase
Ne kunu gye no di sɛ obesi gyinae pa. Enti okunu no nhyɛ no sɛ biribiara a ɔbɛyɛ no, gye sɛ ohu no ansa
Ɔyere pa yɛ nsi anaa ɔdeyɛfo
Ɔnyɛ atotɔatotɔ na ɔnyɛ akɛsesɛm enti n’abusua tumi siesie wɔn ho kama na wodidi yiye
Ɔyere ne ho yɛ adwuma, na ɔhwɛ ne fiefo awia ne anadwo
Ɔyere pa mfa ne som nni agorɔ
Osuro Onyankopɔn na ɔyɛ nneɛma a ɛbɛma ɔne Onyankopɔn ntam ayɛ papa