Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 12
  • Sɛnea Yɛbɛda Ɔdɔ Adi Akyerɛ Yɛn Yɔnko Nipa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛbɛda Ɔdɔ Adi Akyerɛ Yɛn Yɔnko Nipa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA KYERƐW KRONKRON NO AKA AFA ƆDƆ HO
  • NEA YƐYƐ A ƐKYERƐ SƐ YƐDƆ YƐN YƆNKO NIPA
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ Ne Nea Ɛkyerɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Ɔdɔ—Ɛyɛ Suban Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Ɔdɔ a Yɛwɔ Ma Yɛn Ho Yɛn Ho No, Yɛbɛyɛ Dɛn Ahyɛ Mu Den?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 12
Samariani yamyefo a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho no mu no, ɔde ngo regu ɔbarima a akorɔmfo pirapiraa no gyaw no wɔ kwan ho no kuru so.

Sɛ yɛwɔ ɔdɔ a, yɛde nea afoforo hia bedi kan

Sɛnea Yɛbɛda Ɔdɔ Adi Akyerɛ Yɛn Yɔnko Nipa

Yɛn nyinaa yɛ abusua baako efisɛ yɛyɛ onipa a odi kan, Adam asefo. Abusua baako mufo de, yɛhwɛ kwan sɛ anka wɔbɛdodɔ wɔn ho na wɔanya obu ama wɔn ho wɔn ho, nanso nnansa yi, ɛyɛ den sɛ yebehu ɔdɔ a ɛte saa wɔ wiase. Nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ nea yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no pɛ ni.

NEA KYERƐW KRONKRON NO AKA AFA ƆDƆ HO

“Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”—LEVITICUS 19:18.

“Monkɔ so nnɔ mo atamfo.”—MATEO 5:44.

NEA YƐYƐ A ƐKYERƐ SƐ YƐDƆ YƐN YƆNKO NIPA

Yɛnhwɛ sɛnea Onyankopɔn akyerɛkyerɛ ɔdɔ mu wɔ n’Asɛm no mu. Yebehu wɔ 1 Korintofo 13:4-7:

“Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre na ne yam ye.”

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ wudi mfomso na afoforo nya wo ho abotare, wɔne wo di no yiye, na wɔn bo amfuw wo denneennen a, ɛyɛ a wote nka sɛn?

“Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.”

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ afoforo nni wo ho adwempa anaa wɔn ani bere wo a, ɛyɛ a wote nka sɛn?

Ɔdɔ ‘nhwehwɛ nea n’ankasa hia.’

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ asɛm bi ho na afoforo tie wo na wɔammɔ angu a, ɛyɛ a wote nka sɛn?

Ɔdɔ ‘mfa bɔne nhyɛ ne mu.’

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ nkurɔfo yɛ Onyankopɔn bɔne na wonu wɔn ho a, wayɛ krado sɛ ɔde bɛkyɛ wɔn. N’Asɛm ka sɛ: “Ɔrenhwehwɛ yɛn ­mfomso bere nyinaa, na ɔrennya yɛn ho menasepɔw.” (Dwom 103:9) Sɛ yɛyɛ obi bɔne na ɔde kyɛ yɛn a, yɛn ani sɔ. Enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ krado sɛ afoforo fom yɛn a, yɛde bɛkyɛ wɔn.—Dwom 86:5.

Ɔdɔ ‘nni nea ɛnteɛ ho ahurusi.’

Susuw wei ho hwɛ: Sɛ asɛmmɔne bi to yɛn na yɛrehu amane a, yɛn ani nnye ho sɛ afoforo bedi ho ahurusi. Enti sɛ afoforo kɔ ahokyere mu na sɛ wɔayɛ yɛn bɔne bi mpo a, yenni nea ato wɔn no ho ahurusi.

Ɛsɛ sɛ yɛdɔ afoforo ɛmfa ho mfe a wɔadi, ɔman a wofi mu, anaa ɔsom a wɔwom. Sɛ yɛyɛ saa a, Onyankopɔn behyira yɛn. Ɔkwan baako a yɛbɛfa so akyerɛ sɛ yɛdɔ afoforo ne sɛ yɛbɛboa wɔn a ­wohia mmoa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena