Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb17 January kr. 8
  • Kae Kristofo a Wɔrehyia Ɔtaa na Bɔ Mpae Ma Wɔn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kae Kristofo a Wɔrehyia Ɔtaa na Bɔ Mpae Ma Wɔn
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanneɛbɔ a Edi Mu a Ɛma Yɛn Gyidi Yɛ Den
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Sɛ Nkurɔfo Tan W’ani a, Ma W’ani Nnye
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Mommɔ Mpae Mma Mo Ho Mo Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma—2017
mwb17 January kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Kae Kristofo a Wɔrehyia Ɔtaa na Bɔ Mpae Ma Wɔn

Bible hyɛɛ nkɔm sɛ Satan bɛtaa yɛn sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nyɛ yɛn som adwuma no. (Yoh 15:20; Adi 12:17) Yɛn nuanom Kristofo a wɔrehyia ɔtaa wɔ aman foforo so no, yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn? Yebetumi abɔ mpae ama wɔn. Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni adesrɛ reyɛ adwuma a, ɛwɔ tumi kɛse.”—Yak 5:16.

Wɔde abankaba agu onua bi nsa de no rekɔto afiase; anuanom bi; onua bi rebɔ mpae

Dɛn na yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu? Yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn nuanom mmea ne mmarima no, na ɔmma wɔn akokoduru na wɔn koma antu. (Yes 41:10-13) Yebetumi nso abɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma atumfoɔ no nnya asɛnka adwuma no ho adwempa. “Ɛno bɛma yɛde asomdwoe ne kommyɛ abɔ yɛn bra.”—1Ti 2:1, 2.

Asomafo no bere so no, Paulo ne Petro hyiaa ɔtaa. Kristofo no bɔɔ wɔn din bɔɔ mpae maa wɔn. (Aso 12:5; Ro 15:30, 31) Ɛnnɛ nso, anuanom a wɔrehyia ɔtaa no, sɛ yennim wɔn nyinaa din mpo a, yebetumi abɔ wɔn asafo, wɔn man, anaa wɔn kurow din wɔ yɛn mpaebɔ mu.

  • Wubetumi ahu Yehowa Adansefo a wɔretaa wɔn seesei no ho nsɛm wɔ jw.org. (Kɔ NEWSROOM > LEGAL DEVELOPMENTS.)

  • Wɔakyerɛ anuanom a seesei wogu afiase wɔ ɔman biara so no dodow wɔ jw.org. Kɔ NEWSROOM > LEGAL DEVELOPMENTS na hwɛ “Jehovah’s Witnesses Imprisoned for Their Faith—By Location.” Sɛ wopɛ sɛ wuhu anuanom a wogu afiase no din ne wɔn ho nsɛm pii a, klik ɔman a worepɛ no so na klik PDF no so na wubehu.

Kristofo a wɔretaa wɔn a wopɛ sɛ wobɔ mpae ma wɔn no, kyerɛw aman a wɔwɔ so no din.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena