Anuanom bi reto nsa afrɛ obi akɔ Nkaedi ase wɔ Albania
Nsɛm a Yebetumi Aka
ƆWƐN-ABAN
Asɛmmisa: Nneɛma a Onyankopɔn de akyɛ yɛn nyinaa, wohwɛ a nea ɛwɔ he na ɛsom bo paa?
Kyerɛwsɛm: Yoh 3:16
Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi ma yehu nea enti a Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so ma obewui. Ɛsan ma yehu nea yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ saa akyɛde no.
DƐN NE ONYANKOPƆN AHENNI?
Asɛmmisa: [Fa kratawa no anim kyerɛ no.] Wubeyi asɛmmisa yi ano sɛn? Onyankopɔn Ahenni yɛ biribi a ɛwɔ wo komam? kasakoa? anaa aban bi a ɛwɔ soro?
Wubetumi Aka Sɛ: Kratawa yi bɛma woahu nhyira a Onyankopɔn Ahenni bɛma woanya.
NKAEDI NSATO KRATAA
Wubetumi Aka Sɛ: Yɛreto nsa afrɛ nkurɔfo aba dwumadi titiriw bi ase. [Fa nsato krataa no ma no.] April 11 no, nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase baabiara behyiam akae Yesu wu no. Afei nso, yɛbɛma Bible mu kasa bi a ɛbɛma yɛahu sɛnea yebenya Yesu wu no so mfaso. Yɛrennye sika biara. Wohwɛ krataa yi so a, wubehu baabi a yɛbɛyɛ no ne bere a yɛde bɛyɛ. Yɛn ani begye paa sɛ yebehu wo.
KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA
Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.