Anuanom reto nsa afrɛ nkurɔfo aba asafo nhyiam wɔ Cook Islands
Nsɛm a Yebetumi Aka
ƆWƐN-ABAN
Asɛmmisa: Enti abɔfo wɔ hɔ ampa?
Kyerɛwsɛm: Dw 103:20
Wubetumi Aka Sɛ: Ɔwɛn-Aban yi bɛma woahu nea Bible aka afa abɔfo ho, ne sɛnea wɔn nneyɛe ka yɛn nnɛ.
MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO
Asɛmmisa: Wohwɛ a nyansahu ama Bible ayɛ atoro?
Kyerɛwsɛm: Yes 40:22
Nokwasɛm: Nea Bible aka afa nyansahu ho no yɛ nokware.
KRATAA A YƐDE TO NSA FRƐ NKURƆFO BA ASAFO NHYIAM (inv)
Wubetumi Aka Sɛ: Mepɛ sɛ meto nsa frɛ wo na wubetie Bible mu ɔkasa bi. Wɔbɛma no Yehowa Adansefo Ahenni Asa so. Woba a yɛrennye wo sika. [Fa krataa a yɛde to nsa frɛ nkurɔfo ba asafo nhyiam no bi ma no, na kyerɛ bere ne beae a mobɛyɛ nnawɔtwe awiei nhyiam no. Afei ka ɔkasa no asɛmti kyerɛ no.]
Asɛmmisa: Mesrɛ wo woakɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so da? [Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yi video a yɛato din Ɛdeɛn na Yɛyɛ wɔ Ahennie Asa So? no kyerɛ no.]
KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA
Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.