BIBLE MU AKORADE | YEREMIA 51-52
Yehowa Asɛm Ba Mu Pɛpɛɛpɛ
Yehowa kaa nsɛm a ebesisi daakye pɛpɛɛpɛ
Persia hene sraani a okura agyan
“Monsew agyan ano”
Ná Mediafo ne Persiafo nim agyan tow paa, na na wɔn akode titiriw ne agyan. Na wɔsew wɔn agyan ano na sɛ wɔtow wɔ obi a, atumi awura ne mu akɔ akyiri
“Babilon nnɔmmarima agyae ɔko”
Nabonido Abopon no ka sɛ: “Kores asraafo no hyɛnee Babilon a obiara ne wɔn anko.” Wei betumi akyerɛ sɛ apereperedi anaa ntɔkwaw ankɔ so. Nea esii no ne Yeremia nkɔmhyɛ no hyia
Nabonido Abopon No
“Babilon bɛdan abokuw [ne] daa amamfõ”
Efi afe 539 A.Y.B. no, anuonyam a na Babilon wɔ no, ɛso fii ase tewee. Na Alexander Ɔkɛseɛ no pɛ sɛ ɔde Babilon yɛ n’ahenkurow, nanso mpofirim ara na owui. Kristosom fii ase no, na Yudafo dodow bi da so ara te Babilon. Wei nti na ɔsomafo Petro kɔɔ hɔ no. Bɛboro mfe 300 wɔ Yesu wu akyi no, kurow no danee amamfõ, na nkakrankakra ɛyerae koraa