BIBLE MU AKORADE | HESEKIEL 28-31
Yehowa Maa Ɔman Bi a Ɛnsom No Akatua
Ɔman a ɛnsom Yehowa mpo wɔyɛɛ adwuma bi maa Yehowa tuaa wɔn ka a, ɛnde adwuma a n’asomfo anokwafo yɛ deɛ, ɔbɛkyerɛ ho anisɔ ma aboro so!
NEA BABILONFO YƐE
Wɔkaa Tiro hyeem
NEA MƐYƐ
Ɔko bɛn na meredi wɔ Onyankopɔn som mu?
NNEƐMA A BABILONFO DE BƆƆ AFƆRE
Wɔde nneɛma bɔɔ afɔre kaa Tiro hyeem mfe 13
Babilon asraafo dii amia paa
Babilonfo annya akatua biara
NNEƐMA A MEDE BƆ AFƆRE
Nneɛma bɛn na mede abɔ afɔre wɔ Yehowa som mu?
NEA YEHOWA DE TUAA BABILONFO KA
Yehowa de Egypt maa wɔn sɛ asade
AKATUA A MINYA FI YEHOWA HƆ
Dɛn na Yehowa de tua me ka?