Onua bi de Awufo Bɛsan Atena Ase Bio kratawa no rema obi wɔ Tuvalu
Nsɛm a Yebetumi Aka
NYAN!
Asɛmmisa: Adɛn nti na ehia sɛ yesiesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm?
Kyerɛwsɛm: Mme 27:12
Wubetumi Aka Sɛ: Sɛ atoyerɛnkyɛm bi rebesi, sɛ ɛresi anaa esi wie nso a nea ɛsɛ sɛ woyɛ no, nhoma yi bɛma woahu ne nyinaa.
MA NKURƆFO NHU NOKWARE NO
Asɛmmisa: Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛdɔ Nyankopɔn?
Kyerɛwsɛm: 1Yo 5:3
Nokwasɛm: Yedi Nyankopɔn mmara so a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no.
SO ƐYƐ AMPA SƐ AWUFO BƐSAN ATENA ASE BIO? (T-35)
Asɛmmisa: Wokɔ wiase baabiara a, afe biara nnipa komapafo hyɛ fã de kae awufo. Wohwɛ a, anidaso wɔ hɔ sɛ yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio?
Kyerɛwsɛm: Aso 24:15
Wubetumi Aka Sɛ: Kratawa yi bɛma woahu sɛnea owusɔre ho anidaso no betumi aboa wo. [Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, yi video a yɛato din Anidaso Wɔ Hɔ ma Awufo? no kyerɛ no.]
KYERƐW NEA W’ANKASA WOBƐKA
Hwɛ nsɛm a yebetumi aka no so na wo ankasa kyerɛw nea wobɛka.