BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 21-22
“Yehowa Pɛ Na Ɛnyɛ Hɔ”
Ɛwom, na Paulo bɛkɔ akɔtɔ asiane mu wɔ Yerusalem de, nanso ɔtee nka sɛ honhom kronkron na na ɛrekyerɛ no kwan akɔ hɔ. (Aso 20:22, 23) Ɛno nti, bere a Kristofo bi a wɔwɔ adwempa srɛɛ no sɛ mma ɔnnkɔ no, ɔkaa sɛ: “Dɛn na moreyɛ yi sɛ mode su ma me koma bubu?” (Aso 21:13) Sɛ afoforo pɛ sɛ wotu wɔn ho ma yɛ Yehowa som adwuma a, yɛmpɛ sɛ yebu wɔn abam da.