Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 February kr. 3
  • Wutumi Hu Onyankopɔn Su Ahorow a Aniwa Nhu No Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wutumi Hu Onyankopɔn Su Ahorow a Aniwa Nhu No Anaa?
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • The Wonders of Creation Reveal God’s Glory Video No
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Sua Yehowa Ho Ade Pii Fi Nneɛma a Wabɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Fa Abɔde Kyerɛkyerɛ Wo Mma Yehowa Ho Ade
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Abɔde Ma Yehu Onyankopɔn Dɔ
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 February kr. 3

KRISTOFO ABRABƆ

Wutumi Hu Onyankopɔn Su Ahorow a Aniwa Nhu No Anaa?

Sɛ wohwɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ, nsoromma a ɛwɔ wim, anaa nsu a ɛreworo so wɔ abotan so a, ɛyɛ a wuhu Ɔbɔadeɛ no nsa ano adwuma anaa? Abɔde a atwa yɛn ho ahyia ma yehu Yehowa su ahorow a aniwa nhu no. (Ro 1:20) Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase dwinnwen abɔde a yɛde yɛn aniwa hu no ho a, ɛma yetumi hu Onyankopɔn tumi, ne dɔ, ne nyansa, n’atɛntrenee, ne ne papayɛ.—Dw 104:24.

Nneɛma a Yehowa abɔ no mu nea ɛwɔ he na wuhu no da biara? Sɛ wote kurom mpo a, ebia wubehu nnomaa ne nnua. Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ Yehowa abɔde a, ebetumi aboa yɛn ama yɛn adwinnwen so atew na ɛremma yɛmfa yɛn adwene nsi yɛn haw so, mmom yɛde besi nneɛma a ɛho hia pa ara no so. Afei nso, gyidi a yɛwɔ sɛ Yehowa betumi ahwɛ yɛn daa no, ɛbɛma ayɛ kɛse. (Mt 6:25-32) Sɛ wowɔ mma a, boa wɔn ma wonhu Yehowa su ahorow a ɛso bi nni no. Sɛ yɛkɔ so hwɛ na yedwinnwen abɔde a atwa yɛn ho ahyia no ho a, anisɔ a yɛwɔ no bɛyɛ kɛse na ɛbɛma yɛabɛn Ɔbɔadeɛ no pa ara.—Dw 8:3, 4.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA ABƆDE YƐ NWONWA NO MA YEHU ONYANKOPƆN ANUONYAM—HANN NE KƆLA. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Dɛn na ɛboa yɛn ma yehu kɔla ahorow?

  • Abɔde mu nneɛma bi wɔ hɔ a, baabi a wugyina hwɛ ne sɛnea hann tɔ so no ma wɔn kɔla tumi sesa. Dɛn na ɛma ɛba saa?

  • Adɛn nti na yɛhwɛ wim a yehu kɔla ahorow ahorow?

  • Baabi a wote no, kɔla bɛn na woahu wɔ abɔde mu a ɛyɛ wo fɛ pa ara?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye bere hwɛ abɔde yiye?

Nhwiren a ɛyɛ pink, afofantɔ bruu, nnuaba ahorow a ɛsono wɔn kɔla, owia hann a apue

Dɛn na hann ne kɔla ma yehu fa Yehowa su ahorow ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena