The Wonders of Creation Reveal God’s Glory Video No
Sɛ nnipa pii hwɛ abɔde a, ɛma wɔn ani gye. Nanso, wɔn mu dodow no ara nnim sɛ bere a wɔreyɛ saa no ɛma wohu yɛn Bɔfo Kunini no nsusuwii ne sɛnea ɔte nka no ho biribi. (Rom. 1:20) Tete no, Dawid nam Yehowa Asɛm a ɔde Ne honhom kyerɛwee no so suaa ne ho ade. Ɔnam Yehowa abɔde so nso ‘huu’ no na ɔbɛn no. (Dw. 8:3, 4) Video a wɔato din The Wonders of Creation Reveal God’s Glory no boa yɛne yɛn mma ne yɛn Bible asuafo ma yɛhwɛ Yehowa abɔde yiye, na yehu yɛn Bɔfo Kunini no su ahorow ne ne nipasu ma enti ɛma yɛbɛn no kɛse. Sɛ wohwɛ video no wie a, hwɛ sɛ wubetumi abua nsɛmmisa a edidi so yi anaa.
(1) Ɔkwan bɛn so na amansan no kɛse ne sɛnea wɔahyehyɛ mu nneɛma pɛpɛɛpɛ no ma anisɔ a wowɔ ma Yehowa no yɛ kɛse? (Yes. 40:26) (2) Sɛ yegyen yɛn ani hwɛ nsu yiye a, dɛn na yebetumi asua afa Onii a ɔyɛe no ho? (Adi. 14:7) (3) Ɔkwan bɛn so na asase no kɛse ne ɔkwan a ɛda ɛne owia ntam no da Yehowa nyansa adi? (4) Dwuma bɛn na ɔsram no di? (Dw. 89:37) (5) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayɛ nnipa na ama wɔanya anigye wɔ asetena mu? (6) Dɛn ne awosu a wɔfrɛ no DNA no? (Dw. 139:16) (7) Ɔkwan bɛn so na nnipa da nsow wɔ Yehowa asase so abɔde nyinaa mu? (Gen. 1:26) (8) Dɛn na wohwɛ kwan sɛ wubehu wɔ wiase foforo no mu?
Extra Features Afã Hɔ: (9) Ɛyɛɛ dɛn na yenyaa kɔla ahorow? (10) Ɛyɛ dɛn na nsu tumi foro nnua du atifi a tumi a ɛtwe ade ba fam ntumi nsiw no kwan? (11) Adwuma bɛn na nsu yɛ wɔ yɛn nipadua mu? (12) Ma nhwɛso ahorow a ɛkyerɛ sɛ abɔde a nkwa wom yɛ adwuma bom. (13) Ɛyɛ dɛn na abɔde hu sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade de boa wɔn ho wɔn ho? (14) Dɛn ne “golden angle,” na ɔkwan bɛn so na ɛda adi wɔ abɔde mu?
“Monhwɛ” Yehowa Nsa Ano Adwuma: Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ ‘yɛnhwɛ ewim nnomaa’ na ‘yensua biribi mfi wuram sukooko hɔ.’ (Mat. 6:26, 28) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛbɛma yɛn gyidi ayɛ den, yebenya Ɔbɔadeɛ no mu ahotoso na yɛbɛkyerɛ Yehowa nyansa, ne tumi a ɔde gye nkwa ne ne dɔ ho anisɔ. Sɛ́ anka wobɛma wiase yi mu nnwuma atwetwe w’adwene no, gye bere na bɔ mmɔden hwɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa no, na dwinnwen nea ɛka fa yɛn Nyankopɔn no ho kyerɛ yɛn no ho.—Dw. 19:1.