BIBLE MU AKORADE | 1 TIMOTEO 1-3
Yere Wo Ho Hwehwɛ Adwuma Pa
Eye pa ara sɛ anuanom mmarima bɛyere wɔn ho ayɛ pii bere a wonnyinii. Wei bɛma wɔanya ntetee a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔfata sɛ wɔpaw wɔn asomfo bere a wɔanyinyin. (1Ti 3:10) Dɛn na onuabarima bi betumi ayɛ de akyerɛ sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ asafo mu somfo daakye? Ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho yɛ nea edidi so yi:
Ɔda ahofama adi.—km 7/13 2-3 ¶2
Ɔne Yehowa ntam yɛ papa.—km 7/13 3 ¶3
Ɔyɛ ɔnokwafo na afoforo tumi de wɔn ho to no so.—km 7/13 3 ¶4