Anuanom Mmerante, Mopɛ sɛ Munya Ɔsom Hokwan?
1. Bere bɛn na onua aberante betumi afi ase de akwankyerɛ a ɛwɔ 1 Timoteo 3:1 no ayɛ adwuma?
1 Bible ka sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔbɛyɛ ahwɛfo adwuma a, na wapɛ adwuma pa.” (1 Tim. 3:1) Asɛm a wɔde honhom akyerɛw yi hyɛ anuanom mmerante nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden sɛ wɔbɛfata ama ɔsom hokwan wɔ asafo no mu. So ɛsɛ sɛ wunyin yɛ ɔpanyin ansa na woatumi ayɛ saa? Nokwasɛm ne sɛ, ɛyɛ papa sɛ wohwehwɛ hokwan yi bere a woda so yɛ aberantewa no. Sɛ woyɛ saa a, ebetumi ama woanya ntetee na woafata sɛ wɔpaw wo asafo mu ɔsomfo akyiri yi. (1 Tim. 3:10) Sɛ woyɛ aberantewa a woabɔ asu a, wobɛyɛ dɛn ahwehwɛ ɔsom hokwan?
2. Obi bɛyɛ dɛn anya ahofama su, na dɛn na obetumi ayɛ de ada saa su yi adi?
2 Ɛsɛ sɛ Wunya Ahofama: Kae sɛ worepɛ adwuma pa, na ɛnyɛ abodin. Enti, nya ɔpɛ sɛ wobɛboa wo nuanom mmarima ne mmea. Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ saa ne sɛ wubesusuw nhwɛso pa a Yesu yɛe no ho. (Mat. 20:28; Yoh. 4:6, 7; 13:4, 5) Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na dwen afoforo ho. (1 Kor. 10:24) So wubetumi ayɛ biribi pɔtee de aboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔn a wonni ahoɔden wɔ asafo no mu no? Woboa ma wɔdodɔw Ahenni Asa no ho siesie mmeae afoforo a anuanom nsa nnu hɔ no? Wode wo ho hyɛ nnwuma afoforo a wɔyɛ de siesie hɔ no mu? Sɛ ɛho behia sɛ obi yɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi mpofirim a, so wubetumi atu wo ho ama? Wo ho a wubetu ama aboa afoforo no bɛma w’ani agye.—Aso. 20:35.
3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ asafo mu ɔsomfo ne Yehowa ntam yɛ papa, na ɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?
3 Ɛsɛ sɛ Wo Ne Yehowa Ntam Yɛ Papa: Ɛho hia paa sɛ asafo mu ɔsomfo ne Yehowa ntam bɛyɛ papa sen sɛ obenya ɔdom akyɛde soronko bi. Onipa a ɔma Onyankopɔn honhom kyerɛ no kwan no bɔ mmɔden sɛ obenya Yehowa ne Yesu adwene wɔ nneɛma ho. (1 Kor. 2:15, 16) Ɔda “honhom no aba” adi. (Gal. 5:22, 23) Ɔde nsi yɛ asɛnka adwuma no na ɔde Ahenni nneɛma di kan. (Mat. 6:33) Sɛ woyɛ nhyehyɛe pa sua ade a, ɛbɛboa wo ma woanya Kristofo su pa ahorow. Ebi ne sɛ wobɛkenkan Bible da biara da, na woakenkan Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a ɛbɛba biara nso. Ɛsɛ sɛ wusiesie wo ho ma asafo nhyiam biara na wokɔ ne nyinaa bi. (Dw. 1:1, 2; Heb. 10:24, 25) Bere a Paulo rehyɛ aberantewa Timoteo nkuran sɛ ɔmmɔ ne ho mmɔden wɔ Yehowa som mu no, ɔkyerɛw sɛ: “Ma w’ani mmra . . . wo nkyerɛkyerɛ so.” (1 Tim. 4:15, 16) Enti sɛ wunya dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu a, gye bere siesie wo ho na yɛ no yiye. Siesie asɛm a wobɛka wɔ asɛnka mu ansa na woakɔ, na fa wo ho hyem bere nyinaa. Fa botae ahorow si w’ani so wɔ Onyankopɔn som mu, na bɔ mmɔden sɛ wubedu ho. Wubetumi de ayɛ wo botae sɛ wobɛyɛ daa ɔkwampaefo, wobɛkɔ akɔsom wɔ Betel, anaasɛ wobɛkɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no bi. Yehowa a wo ne no ntam bɛyɛ papa no bɛboa wo ma ‘woaguan mmerantebere mu akɔnnɔ.’—2 Tim. 2:22.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi di nokware na wonya ne mu ahotoso?
4 Yɛ Ɔnokwafo a Wɔwɔ Ne Mu Ahotoso: Wodii anuanom mmarima bi ho “adanse” ma wɔkyekyɛɛ aduan maa Kristofo a na wohia mmoa wɔ afeha a edi kan no mu. Esiane sɛ wodi nokware na wɔwɔ wɔn mu ahotoso nti, ɛmaa asomafo no de saa adwuma no hyɛɛ wɔn nsa koraa. Eyi maa asomafo no de wɔn adwene sii nneɛma a ɛho hia paa so. (Aso. 6:1-4) Enti sɛ wɔde dwumadi bi hyɛ wo nsa wɔ asafo no mu a, yere wo ho na yɛ no yiye. Suasua Noa a ɔhwɛ dii akwankyerɛ a wɔde maa no wɔ adaka no pam ho nyinaa akyi pɛpɛɛpɛ no. (Gen. 6:22) Sɛ obi di nokware a ɛkyerɛ sɛ ne ho akokwaw wɔ Onyankopɔn som mu, na onipa a ɔte saa no som bo ma Yehowa.—1 Kor. 4:2; hwɛ adaka “Mfaso a Ɛwɔ Ntetee So.”
5. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ anuanom mmerante bɔ mmɔden sɛ wobenya ɔsom hokwan?
5 Sɛnea wɔahyɛ ho nkɔm no, Yehowa ama wɔreboaboa nnipa ano ntɛmntɛm. (Yes. 60:22) Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, afe biara wɔbɔ nnipa 250,000 asu. Esiane sɛ nnipa afoforo pii reba nokware no mu nti, wohia mmarima a wɔfata a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ Yehowa som mu ma wɔadi asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu. Ɛnnɛ paa ne bere a ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii wɔ Yehowa som mu. (1 Kor. 15:58) Anuanom mmerante, mopɛ sɛ munya ɔsom hokwan? Sɛ saa a, ɛnde morepɛ adwuma pa ankasa!
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 2]
Esiane sɛ nnipa afoforo pii reba nokware no mu nti, wohia mmarima a wɔfata a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ Yehowa som mu ma wɔadi asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu
[Kratafa 3 adaka]
Mfaso a Ɛwɔ Ntetee So
Sɛ mpanyimfo de dwumadi hyehyɛ mmerante a wɔfata nsa na wɔtete wɔn a, wonya so mfaso. Bere bi a ɔmansin sohwɛfo kɔsraa asafo bi na wɔpɔn adesua no, na ɔte asɛnka agua no anim rehyɛ ɔdawurubɔfo bi nkuran. Ohui sɛ aberantewa bi gyina hɔ retwɛn, enti obisaa no sɛ ɔpɛ sɛ ɔne no kasa anaa? Aberantewa no kae sɛ, wɔde ahyɛ ne nsa sɛ, sɛ wɔpɔn asafo nhyiam biara a ɔmpra asɛnka agua no so. Ná n’awofo pɛ sɛ wɔkɔ fie nanso na aberantewa no pɛ sɛ ɔyɛ n’adwuma no wie ansa na wakɔ. Asɛm no kaa ɔmansin sohwɛfo no koma paa! Ɔkae sɛ: “Saa asafo no mu mpanyimfo taa de asafo mu dwumadi hyehyɛ mmerantewa a wɔfata nsa de tete wɔn. Enti sɛ mekɔsom asafo no a, na mpanyimfo no taa kamfo mmerante bi kyerɛ sɛ wɔmpaw wɔn sɛ asafo mu asomfo.”