Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 May kr. 3
  • Woasiesie Wo Ho Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woasiesie Wo Ho Anaa?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛte “Nna a Edi Akyiri” No Awiei, Enti Kɔ So Ara Siesie Wo Ho
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Woasiesie Wo Ho Ama Asiane?
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Ntɔkwaw Si Wɔ Wo Man Mu a, Dɛn Na Wobɛyɛ? Woasiesie Wo Ho?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Ko a Onipa Ko Tia Asiane Ahorow
    Nyan!—1995
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 May kr. 3
Abusua bi rehyehyɛ nneɛma a wobehia bere a atoyerɛnkyɛm asi wɔ bag mu.

KRISTOFO ABRABƆ

Woasiesie Wo Ho Anaa?

Baabi a wote no, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, woasiesie wo ho? Asasewosow, mframa gyampantrudu, ogyahyehyew, ne nsuyiri betumi asi mpofirim, na asɛe nneɛma pii. Weinom da nkyɛn a, nnipabɔnefo tumi di awurukasɛm, basabasayɛ tumi si, na yare tumi te si baabi a ɛmmɔ obiara nkae. (Ɔsɛ 9:11) Ɛnsɛ sɛ yenya adwene sɛ, saa nneɛma yi bi rentumi nsi wɔ baabi a yɛte no.

Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara yɛ nea obetumi de siesie ne ho ma atoyerɛnkyɛm. (Mme 22:3) Ɛwom, sɛ atoyerɛnkyɛm si a, Yehowa ahyehyɛde no boa yɛn, nanso ɛsɛ sɛ yɛn ankasa nso siesie yɛn ho ansa na atoyerɛnkyɛm asi.—Ga 6:5.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN WOASIESIE WO HO AMA ATOYERƐNKYƐM? NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Onua bi rekan Bible sɛnea ɛbɛyɛ ɔbɛyɛ den ansa na atoyerɛnkyɛm asi.

    Sɛ yɛma yɛne Yehowa adamfofa mu yɛ den a, sɛn na ɛbɛboa yɛn bere a atoyerɛnkyɛm asi?

  • Bag a nneɛma a wuhia gu mu, fon nɔma, baabi a wote, fon.

    Adɛn nti na ehia sɛ . . .

    • • yɛne mpanyimfo no ntam yɛ papa bere a atoyerɛnkyɛm nnya nsii, bere a atoyerɛnkyɛm asi, ne bere a asi awie?

    • • yɛhyehyɛ nneɛma kakra a yebehia gu bag mu si hɔ?​—g17.5 6

    • • atoyerɛnkyɛm ahorow a ebetumi asisi no, yesusuw ho na yehu nea yɛbɛyɛ bere a emu biara asi no?

  • Mfoni: Ɛfa sɛnea yɛbɛboa afoforo bere a atoyerɛnkyɛm asi. 1. Onua bi rebɔ mpae. 2. Nkurɔfo bi atu wɔn ho reboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho aka. 3. Onua bi reyi ntoboa wɔ Ahenni Asa so.

    Nneɛma mmiɛnsa bɛn na yebetumi ayɛ de aboa wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn?

WUBETUMI ATU WO HO AMA?

Yehia nnipa pii a wobetu wɔn ho ama akɔboa afoforo bere a atoyerɛnkyɛm asi. Sɛ wopɛ sɛ wutu wo ho ma a, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena