KRISTOFO ABRABƆ
Sɛnea Yɛde Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu No Bɛyɛ Adwuma
Efi January 2018 reba no, ɛyɛ a wɔde nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu no ba Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka Nhoma no anim. Akwan bɛn na yebetumi afa so de ayɛ adwuma?
Bere a Wɔama Yɛn Dwumadi Wɔ Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Ase: Ɛsɛ sɛ wode asɛmmisa, kyerɛwsɛm ne asɛm a wobɛka wɔ nsrahwɛ a edi hɔ a ɛwɔ nhoma no mu no yɛ adwuma. Nanso wei nkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ wo dwumadi no te sɛ nea ɛwɔ video no mu pɛpɛɛpɛ anaa woka asɛm koro no ara. Wubetumi ayɛ wo dwumadi no wɔ ɔkwan foforo so, wubetumi apaw nnianim nsɛm foforo, wubetumi ne ofiewura no asusuw asɛm no ho wɔ ɔkwan foforo so ne nea ɛkeka ho. Wopɛ a, nhoma anaa video ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu no, wubetumi ama ofiewura no bi. Sɛ akwankyerɛ a ɛfa wo dwumadi no ho nhwehwɛ sɛ woyɛ saa mpo a, wubetumi ayɛ saa.
Bere a Woreyɛ Asɛnka Adwuma No: Nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu no boa yɛn wɔ asɛnka mu paa. Nanso sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, yebetumi de asɛm a anka yɛde begyaw no no atoa nkɔmmɔ no so. Afei nso, nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu no, yebetumi asesa mu anaa yɛne ofiewura no asusuw asɛm foforo ho koraa. Kyerɛwsɛm a wohwɛ a nkurɔfo ani begye ho wɔ w’asasesin mu, anaa nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu a yɛde adi dwuma atwam no, wubetumi de ayɛ adwuma. Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na nkurɔfo a wɔwɔ m’asasesin mu no ani gye ho? Nneɛma a ɛresisi wɔ yɛn mpɔtam ha no ho asɛm haw wɔn anaa?’ Asɛm no ara ne sɛ, ɔkwan a wobɛfa so de nsɛm a yebetumi aka wɔ asɛnka mu no ayɛ adwuma biara no, ɛsɛ sɛ wode si w’ani so sɛ ‘wobɛyɛ ade nyinaa, na ama wo ne afoforo anya mu kyɛfa.’—1Ko 9:22, 23.