Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 January kr. 8
  • Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔayɛ Nkratawa Foforo no Ma Ayɛ Fɛ!
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nkratawa a Wɔde Di Dwuma ma Mfaso Fi Mu Ba
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Sɛnea Yɛde Nea Yebetumi Aka Wɔ Asɛnka Mu No Bɛyɛ Adwuma
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Fa Nkratawa Trɛw Asɛmpa no Mu
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 January kr. 8
Onuawa bi de kratawa a yɛato din ‘Enti Amanehunu To Betwa Da Bi?’ redi maame bi adanse wɔ bɔnnɔ so

KRISTOFO ABRABƆ

Sɛnea Yɛde Nkratawa Befi Nkɔmmɔbɔ Ase

Efi January 2018 reba no, ɛyɛ a yɛde nsɛm a yebetumi aka de afi nkɔmmɔbɔ ase ba Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma no anim. Wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ anka yɛbɛkyekyɛ nhoma ama nkurɔfo kɛkɛ no, yɛmfa nsi yɛn ani so sɛ yɛne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ mmom. Nea ɛbɛyɛ na adawurubɔfo de nyansahyɛ yi ayɛ adwuma no, bosome biara wɔma yɛn video a ɛbɛma yɛahu sɛnea yebetumi de Bible no afi nkɔmmɔbɔ ase. Wei kyerɛ sɛ, sɛ yɛredi adanse wɔ afie afie mu a, ɛnsɛ sɛ yɛma nhoma koraa anaa? Ɛnte saa koraa! Sɛ nhwɛso no, nkratawa yɛ adwinnade bi a etu mpɔn a yebetumi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Yebetumi de nyansahyɛ a edidi so yi ayɛ adwuma bere a yɛde nkratawa redi adanse no:

  1. Bisa asɛm a ɛwɔ kratawa no anim no, na ma ofiewura no mpaw mmuae a ɛwɔ hɔ no mu baako.

  2. Fa mmuae a Bible de ma a ɛwɔ kratafa mmienu no atifi no kyerɛ no. Sɛ ɔwɔ bere a, wo ne no nkenkan nsɛm a ɛwɔ kratawa no mu no, na munsusuw ho.

  3. Fa kratawa no ma ofiewura no na hyɛ no nkuran sɛ, sɛ onya bere a, ɔnkenkan nea aka no.

  4. Ansa na wubefi hɔ no, fa ɔfã a wɔato din “Hwɛ Asɛmmisa Yi” no kyerɛ no, na ma onhu sɛ wobɛba ne no abesusuw mmuae no ho da foforo.

Nneɛma anan a yebetumi ayɛ bere a yɛde kratawa a yɛato din ‘Wohwɛ a, Dɛn Na Ebesi Daakye?’ reyɛ adwuma no

Wosan kɔsra no a, wo ne no nsusuw mmuae no ho, na san gyaw no asɛmmisa foforo a mubesusuw ho da foforo. Wubetumi apaw asɛmmisa bi afi yɛn wɛbsaet hɔ anaa nhoma a ɛwɔ kratawa no akyi no mu. Bere rekɔ so no, sɛ wuhu sɛ n’ani gye asɛm no ho a, wubetumi ama no Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! nhomawa no bi anaa nhoma a yɛne nkurɔfo sua a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu bi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena