BIBLE MU AKORADE | EXODUS 12
Twam a Israelfo No Dii No, Dɛn Na Kristofo Betumi Asua Afi Mu?
Na ɛsɛ sɛ Israelfo no tie akwankyerɛ a Yehowa de bɛma wɔn no, na ama wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ ɔhaw a ɛto so du no mu. (Ex 12:28) Nea na ɛsɛ sɛ wɔyɛ ni. Nisan 14 anwummere no, na ɛsɛ sɛ mmusua nyinaa hyiam wɔ wɔn fie. Afei, na ɛsɛ sɛ wokum odwennini anaa apɔnkyenini a wadi afe a ɔte apɔw, na na ɛsɛ sɛ wɔde aboa no mogya srasra wɔn apongua ho ne apongua no atifi. Afei, na ɛsɛ sɛ wɔtoto aboa mũ no nyinaa na wɔwe no ntɛmntɛm. Ná ɛnsɛ sɛ obiara pue kosi sɛ ade bɛkye.—Ex 12:9-11, 22.
Ɛnnɛ, sɛ yetie Yehowa a, ɛbɔ yɛn ho ban fi nneɛma pii ho. Ebi ne dɛn?