Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 December kr. 7
  • W’ani Gye Ho Sɛ Wobɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu No Bi Anaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • W’ani Gye Ho Sɛ Wobɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu No Bi Anaa?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
    Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Kɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu No Bi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Wɔasoma Asɛmpatrɛwfo Kɔ ‘Asaase Ano Nohoa’
    Sɛnea Yɛde Ntoboa a Wuyi No Di Dwuma
  • Sukuu a Wɔn a Wɔakɔ Bi no Boa Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 December kr. 7
Anuanom a wɔakɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi resua ade.

KRISTOFO ABRABƆ

W’ani Gye Ho Sɛ Wobɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu No Bi Anaa?

Woyɛ ɔkwampaefo a woadi fi mfe 23 kosi 65 a wowɔ apɔwmuden anaa? W’ani gye ho sɛ wobɛsom wɔ baabi a mmoa ho hia? W’ani begye ho sɛ wobɛkɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi anaa? Sɛ saa a, wubetumi ahyehyɛ fɔɔm no bi. Efi bere a wɔtew sukuu yi, awarefo ne mmarima ne mmea asigyafo pii na wɔakɔ sukuu yi bi. Seesei de, mmarima a wɔyɛ asigyafo paa na yɛpɛ sɛ wɔhyehyɛ akwammisa krataa no bi. Sɛ w’ani gye ho sɛ wobɛkɔ sukuu no bi a, srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na yɛ n’apɛde sɛnea ne Ba no yɛe no. (Dw 40:8; Mt 20:28; Heb 10:7) Afei toto wo nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akɔ sukuu no bi. Ebia ɛho behia sɛ wutwitwa nneɛma bi so anaa wopɛ adwuma bi a ɛbɛma woanya bere pii de ayɛ ɔsom adwuma no.

Sɛ obi kɔ sukuu yi bi wie a, hokwan ahorow bɛn na obetumi anya wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu? Ɛyɛ a wɔde wɔn mu bi kɔ mmeae a wɔka kasa foforo ma wɔkɔyɛ asɛnka adwuma no anaa wɔma wɔkɔyɛ baguam adansedi wɔ nkurow akɛse mu. Ebinom nso wie sukuu no a, wotumi ma wosi amansin so ahwɛfo ananmu som, ebi som sɛ amansin so ahwɛfo na ebinom tumi bɛyɛ asɛmpatrɛwfo. Sɛ woredwinnwen hokwan ahorow a wubetumi anya wɔ Yehowa som mu no ho a, ma asɛm a odiyifo Yesaia kae yi ntena w’adwenem. Ɔkae sɛ: “Mini, soma me!”​—Yes 6:8.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ASƐMPATRƐWFO​—OTWA ADWUMA NO MU ADWUMAYƐFO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din ‘Asɛmpatrɛwfo—Otwa Adwuma No Mu Adwumayɛfo’ no mu mfoni bi. Awarefo bi a wɔyɛ asɛmpatrɛwfo nam asɛnka mu.

    Sɛn na wɔpaw asɛmpatrɛwfo?

  • Video a yɛato din ‘Asɛmpatrɛwfo—Otwa Adwuma No Mu Adwumayɛfo’ no mu mfoni bi. Ɔsɛmpatrɛwfo bi ne obi reyɛ Bible adesua, na onuawa bi ka wɔn ho.

    Adwuma pa bɛn na asɛmpatrɛwfo reyɛ?

  • Video a yɛato din ‘Asɛmpatrɛwfo—Otwa Adwuma No Mu Adwumayɛfo’ no mu mfoni bi. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ mum asafo mu ne onua bi rebɔ nkɔmmɔ. Ɔreboa onua no ama wahu sɛnea ɔbɛtrɛw ne som adwuma mu.

    Nhyira bɛn na ɛwɔ asɛmpatrɛw adwuma no mu?

Sɛ wopɛ sɛ wunya Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo kɔ jw.org, na kɔ Nhomakorabea afã hɔ. Afei kɔ “Video” na hwɛ NNWUMA A YƐYƐ > TEOKRASE SUKUU AHOROW NE NTETEE. Hwɛ video ahorow a yɛato din Sukuu Adan wɔ Congo ne Yehowa Nkyerɛkyerɛ Ama Yɛanya Nhyira Pii no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena