KRISTOFO ABRABƆ
Awofo, Biribiara a Ɛsɛ Sɛ Mo Mma Hu No, Monkyerɛ Wɔn
Wiase a yɛte mu no, nnipa de papa ayɛ bɔne na wɔde bɔne ayɛ papa. (Yes 5:20) Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom yɛ nneɛma a Yehowa kyi, te sɛ mmea a wɔne mmea da, ne mmarima a wɔne mmarima da. Wɔn a yɛn mma no ne wɔn kɔ sukuu ne afoforo betumi adaadaa wɔn ama wɔanya adwene sɛ mfomso biara nni abrabɔ bɔne a ɛte saa ho. Yɛbɛyɛ dɛn aboa yɛn mma a wɔda yɛn koma so yi, na sɛ wohyia tebea a ɛte saa a wɔatumi agyina ano?
Kyerɛkyerɛ wo mma no ma wonhu nneɛma a Yehowa pɛ ne nea okyi. (Le 18:3) Momma mmofra no nhu nea Bible ka fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. Sɛ moreyɛ saa a, monhwɛ mfe a mmofra no adi, na munhu nsɛm a ɛfata a ɛsɛ sɛ moka kyerɛ wɔn. (De 6:7) Bisa wo ho sɛ: ‘Mewɔ ɔbabea a, makyerɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne mmarima bɔ anaa? Sɛ mewɔ ɔbabarima nso a, makyerɛ no sɛnea ɛsɛ sɛ ɔne mmea bɔ anaa? Onim nea enti a ɛsɛ sɛ ɔhyɛ ntaade a ɛfata? Mama wahu ne nipadua no afã a ɛnsɛ sɛ obiara hu anaa? Sɛ obi pɛ sɛ ɔde ponografi kyerɛ no anaa ɔma no yɛ biribi a Yehowa mpɛ a, onim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ anaa?’ Sɛ wohu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ a, ebetumi aboa wɔn na wɔankɔtɔ asiane mu. (Mme 27:12; Ɔsɛ 7:12) Wo mma yɛ akyɛde a ɛsom bo a Yehowa de ahyɛ wo nsa, enti sɛ wokyerɛkyerɛ wɔn ma wohu nea ɛsɛ sɛ wohu a, ɛkyerɛ sɛ w’ani sɔ akyɛde no.—Dw 127:3.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SI OFIE A EBETUMI AGYINA—BƆ WO MMA HO BAN FI “NNEBƆNE HO” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Adɛn nti na awofo binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka nna ho asɛm akyerɛ wɔn mma?
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo tete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu”?—Efe 6:4
Nimdeɛ bɔ yɛn ho ban
Dɛn na Yehowa ahyehyɛde no ayɛ a ebetumi aboa awofo ma wɔahu sɛnea wɔbɛka ɔbarima ne ɔbea nna ho asɛm akyerɛ wɔn mma?—w19.05 12, adaka
Sɛ awofo taa ne wɔn mma bɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛboa wɔn sɛn?