BIBLE MU AKORADE
Yehowa Pɛ Sɛ Ne Nkurɔfo Yɛ Soronko
Mmara a Yehowa de ma yɛn nyinaa, ɛsɛ sɛ yetie (Le 20:22, 23; w04 10/15 11 ¶12)
Yehowa ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛma yɛn agyapade (Le 20:24; it-1 1199)
Yehowa pɛ sɛ n’asomfo de ɔsom kronn ma no (Le 20:25, 26; it-1 317 ¶2)
Wɔn a wɔne Yehowa fa adamfo no, ohyira wɔn. Nanso sɛ adamfofa no bɛkɔ so atena hɔ a, ɛsɛ sɛ yɛtwe yɛn ho fi wiase no ne wɔn brabɔne ho.
BISA WO HO SƐ, ‘Akwan a wɔfa so sa yare no bi wɔ hɔ a Yehowa ani nnye ho, enti ɛsɛ sɛ metwe me ho fi ho. Ebi ne dɛn?’