BIBLE MU AKORADE
Bɔ W’agyapade a Ɛsom Bo No Ho Ban
Kaleb tuu atamfo a wɔn ho yɛ den fii asaase no so de bɔɔ n’agyapade ho ban (Yos 15:14; it-1 1083 ¶3)
Israelfo no bi ammɔ wɔn agyapade ho ban. Wɔampam nkurɔfo a wɔnsom Yehowa no amfi asaase no so (Yos 16:10; it-1 848)
Wɔn a wosii wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ wɔn agyapade ho ban no, Yehowa boaa wɔn (De 20:1-4; Yos 17:17, 18; it-1 402 ¶3)
Yehowa pɛ sɛ Kristofo nyinaa nsa ka agyapade a ɛsom bo bi; ɛno ne daa nkwa. Sɛ yebetumi abɔ saa agyapade no ho ban a, ɛsɛ sɛ yɛko tia sɔhwɛ biara a ɛbɛba yɛn akwan mu. Nea ɛbɛboa ama yɛayɛ saa ne sɛ yebesua Bible, yɛbɛkɔ Kristofo nhyiam, yɛbɛyɛ asɛnka adwuma no, na yɛabɔ mpae.
BISA WO HO SƐ, ‘Merebɔ m’agyapade ho ban anaa?’