MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?
Ma Asɛm No Nka Wɔn Koma
Koma no na ɛka yɛn ma yɛyɛ osetie ma Onyankopɔn. (Mme 3:1) Wei nti sɛ yɛrekyerɛkyerɛ obi a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma asɛm no ka ne koma. Yɛbɛyɛ no sɛn?
Sɛ yɛne obi resua ade a, ɛnyɛ nokwasɛm a ɛwɔ Bible mu nko ara na ɛsɛ sɛ yɛma ohu. Mmom ɛsɛ sɛ yɛsan boa no ma ohu sɛ nea ɔresua no fa ne ho, na yɛkyerɛ no sɛnea ɛbɛboa no ama wafa Yehowa adamfo. Boa no ma onhu sɛ, Bible mu mmara a Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde bɔ yɛn bra no, ɛma yehu ne dɔ, ne papayɛ, ne ne trenee. Fa ɔkwan bi so bisabisa no nsɛm a ɛbɛma wapɛɛpɛɛ ne mu ahu sɛnea ɔte nka wɔ nea ɔresua no ho. Sɛ okura adwene bi a ɛmfata anaa ɔbɔ bra bi a enye a, boa no ma onhu sɛnea ɔsesa a, ɛbɛboa ɔno ankasa. Sɛ wuhu sɛ wo Bible suani bi fi ne komam dɔ Yehowa a, w’ani begye paa.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐ YƐMA YƐN HO KOKWAW WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—MA ASƐM NO NKA WƆN KOMA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Adɛn nti na Neeta bisaa Jade sɛ: “Nnaano nkɔmmɔ a yɛbɔe no, wunyaa bere dwinnwen ho?”
Sɛn na Neeta boaa Jade ma ohui sɛ, mmara a ɛwɔ Bible mu no kyerɛ sɛ Yehowa dɔ no?
Sɛ yɛma asɛm no ka yɛn asuafo koma a, ɛbɛka wɔn ama wɔanya nkɔso
Neeta boaa Jade ma ohuu nea ɔno nso bɛyɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ Onyankopɔn. Ɔyɛɛ no sɛn?