Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 March kr. 7
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔne Yehowa Mfa Adamfo
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Sɛ Ɔmmoa Wo
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Ma Asɛm No Nka Wɔn Koma
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 March kr. 7

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi

Wɔn a wɔbɔ bra pa nko ara na wobetumi ne Yehowa afa adamfo. (1Pe 1:14-16) Sɛ Bible asuafo tumi gyae nneyɛe biara a Yehowa kyi a, ɛbɛboa wɔn ma wɔne wɔn mmusua ntam ayɛ kama, wobenya apɔwmuden, na ɛremma wɔnsɛe sika.

Boa wo Bible asuafo ma wɔnte Yehowa mmara ase. Ma wonhu nea enti a Yehowa pɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi nneyɛe ahorow bi ho ne mfaso a sɛ wodi Yehowa mmara so a wobenya. Sɛ woboa wɔn ma wɔsesa sɛnea wosusuw nsɛm ho a, ɛbɛka wɔn ma wɔn ankasa ayɛ nsakrae biara a ehia. (Efe 4:22-24) Ma wonnya awerɛhyem sɛ, Yehowa bɛboa wɔn ma wɔatumi agyae nneyɛe bɔne biara a agye ntini wɔ wɔn mu. (Flp 4:13) Kyerɛ wɔn sɛ, sɛ ɛba wɔn mu sɛ wɔnyɛ biribi a enye a, wɔmmɔ mpae nsrɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wɔn na wɔankɔyɛ bɔne. Boa wɔn ma wonhu tebea ahorow a ebetumi atwetwe wɔn ama wɔakɔyɛ bɔne, na wɔntwe wɔn ho mfi ho. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ nneɛma a ɛho ntew no, hyɛ wɔn nkuran ma wɔnyɛ nneɛma pa mmom mfa nsi anan. Sɛ yehu sɛ Yehowa aboa yɛn Bible suani bi ama watumi agyae nneyɛe bɔne bi a, hwɛ sɛnea yɛn ani begye!

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN BOA WO BIBLE ASUAFO MA WONNYAE NNEYƐE BIARA A YEHOWA KYI NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Video a yɛato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi” no mu mfoni bi. Neeta ne Jade ahyia mpanyimfo no.

    Dɛn na asafo mu mpanyimfo no ne Neeta yɛ de kyerɛe sɛ wɔwɔ Jade mu awerɛhyem?

  • Video a yɛato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi” no mu mfoni bi. Neeta ne Jade resua ade.

    Mmoa bɛn na Neeta kɔɔ so de maa Jade?

  • Video a yɛato din “Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi” no mu mfoni bi. Jade rebɔ mpae asrɛ Yehowa hɔ mmoa.

    Dɛn na Jade yɛ de hwehwɛɛ mmoa fii Yehowa hɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena