Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb22 January kr. 11
  • Mmofra—Monka Mo Komam Asɛm Nkyerɛ Mo Awofo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra—Monka Mo Komam Asɛm Nkyerɛ Mo Awofo
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Di Wo Papa Ne Wo Maame Ni”
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Wubetumi Aboa Ama Anigye Aba W’abusua Mu
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Awofo—Mommoa Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Dɛn Na Woyɛ a Ɛde Anigye Bɛba W’abusua Mu?—Ɔfã 2
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
mwb22 January kr. 11

KRISTOFO ABRABƆ

Mmofra​—Monka Mo Komam Asɛm Nkyerɛ Mo Awofo

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woka wo komam asɛm kyerɛ w’awofo? (Mme 23:26) Nea nti ne sɛ, Yehowa de ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnhwɛ wo so na wɔnkyerɛ wo kwan. (Dw 127:3, 4) Enti sɛ biribi haw wo na woanka ankyerɛ wɔn na wode hyɛ wo ho a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛboa wo. Ɛsɛ sɛ wokae sɛ, ɔpanyin na obi nyɛɛ bi da, nanso abofra de obiara ayɛ bi da. Wɔayɛ sɛ wo pɛn, enti wɔwɔ suahu pii a wobetumi de aboa wo. Nanso nea yɛreka yi kyerɛ sɛ, ɛyɛ mfomso sɛ wode nsɛm bi bɛhyɛ wo ho anaa? Ɛnyɛ saa na yɛreka. Nea ɛnsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wobɛdaadaa wɔn.—Mme 3:32.

Ɛnde, wobɛyɛ dɛn ne w’awofo abɔ nkɔmmɔ? Wubetumi apɛ bere a eye ma mo nyinaa na wo ne wɔn adi nkɔmmɔ. Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne wɔn bedi nkɔmmɔ a, kyerɛw sɛnea wote nka gu krataa so na fa ma wɔn mu baako. Afei, yɛmfa no sɛ wɔpɛ sɛ wɔne wo bɔ biribi ho nkɔmmɔ, nanso w’ani nhyɛ da nnye saa asɛm no ho. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛsɛ sɛ wokae sɛ, boa ara na wɔpɛ sɛ wɔboa wo. Hu wɔn sɛ wo nnamfo, na ɛnyɛ w’atamfo. Sɛ wobɔ mmɔden ne w’awofo bɔ nkɔmmɔ, na woka wo komam asɛm kyerɛ wɔn a, ɛbɛboa wo wo nkwa nna nyinaa. Wobɛsan nso anya daa nkwa!—Mme 4:10-12.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN ME MMABUNBERE MU—MƐYƐ DƐN NE M’AWOFO ABƆ NKƆMMƆ? NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Mfoni yi wɔ video wɔato din “Me Mmabunbere Mu—Mɛyɛ Dɛn Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?” no mu. Ababaa bi de ade ahyehyɛ n’asom retie dwom; ne maame rekasa ne ho nanso wayi n’ani ato baabi koraa.

    Dɛn na Esther ne Partik hui wɔ wɔn ho?

  • Mfoni yi wɔ video wɔato din “Me Mmabunbere Mu—Mɛyɛ Dɛn Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?” no mu. Abaayewa bi ne ne maame rebɔ nkɔmmɔ, na ɔde biribi a ɛwɔ ne fon so rekyerɛ ne maame.

    Dɛn na wubetumi asua afi Yesu nhwɛso no mu?

  • Mfoni yi wɔ video wɔato din “Me Mmabunbere Mu—Mɛyɛ Dɛn Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?” no mu. Maame bi agyae nea ɔreyɛ akɔtena ne ba nkyɛn, na ɔne no redi agorɔ.

    Dɛn na w’awofo ayɛ de akyerɛ sɛ wodwen wo ho?

  •  Mfoni yi wɔ video wɔato din “Me Mmabunbere Mu—Mɛyɛ Dɛn Ne M’awofo Abɔ Nkɔmmɔ?” no mu. Obi a ɔkyerɛ nkurɔfo sɛnea wɔbɔ basketball redrɔdrɔ biribi wɔ krataa so akyerɛ ne mmerante no.

    Mo awofo pɛ sɛ ewie mo yiye

    Bible nnyinasosɛm bɛn na ebetumi aboa wo na woatumi ne w’awofo abɔ nkɔmmɔ?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena