Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 July kr. 11
  • Wubetumi Aboa Ama Anigye Aba W’abusua Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Aboa Ama Anigye Aba W’abusua Mu
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnã Bi Afotu a Nyansa Wom
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • W’abusua Betumi Anya Anigye
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Nea Yehowa Dɔ No Na Ɔteɛ No So
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Fa Bible Nnyinasosɛm Boa Wo Mma Ma Ensi Wɔn Yiye
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 July kr. 11
Mfoni: Video a yɛato din “Ma Anigye Mmra W’abusua Mu” no, emu mfoni na ɛwɔ ha yi. 1. Awofo no redi keeki, na wɔn mma mmea gyina akyi hɔ rehwɛ. 2. Wɔreyɛ abusua som, na wɔn mma mmea no resereserew. 3. Maame no yare da hɔ, na ne mma mmea no baako te ne nkyɛn rehwɛ no.

KRISTOFO ABRABƆ

Wubetumi Aboa Ama Anigye Aba W’abusua Mu

Yehowa pɛ sɛ abusua biara ani gye. (Dw 127:3-5; Ɔsɛ 9:9; 11:9) Nanso ɔhaw ne dadwen ahyɛ wiase ma. Afei nso, yɛn abusuafo tumi di mfomso. Weinom nyinaa nti, ɛtɔ da a, na anigye a ɛwɔ abusua mu no reyɛ ayera. Dɛn na obiara a ɔwɔ abusua no mu betumi ayɛ de aboa ama anigye aba mu?

Ɛsɛ sɛ okunu di ne yere ni. (1Pe 3:7) Ɛsɛ sɛ onya bere ma no. Afei sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a ɛboro ɔbea no ahoɔden so a ontumi nyɛ a, ɛsɛ sɛ ɔte no ase. Nneɛma a ne yere yɛ ma no ne abusua no nyinaa no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ n’ani sɔ, na ɔda no ase. (Kol 3:15) Ɛsɛ sɛ oyi ne yere ayɛ na ɔma ohu sɛ ɔdɔ no.—Mme 31:28, 31.

Ɛsɛ sɛ ɔyere de n’ani to fam hwɛ nneɛma a obetumi ayɛ de aboa ne kunu. (Mme 31:12) Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu, na ɔtaa n’akyi. (Kol 3:18) Ɛsɛ sɛ ɔne no kasa wɔ obu mu, na ɔka ne ho asɛmpa kyerɛ afoforo.—Mme 31:26.

Ɛsɛ sɛ awofo nya wɔn mma ho adaagye. (De 6:6, 7) Ɛsɛ sɛ wɔbue wɔn ano ka kyerɛ wɔn mma sɛ wɔdɔ wɔn. (Mt 3:17) Sɛ ɛsɛ sɛ wɔtene wɔn mma no so a, ɛsɛ sɛ wɔda nhumu adi, na wɔtene wɔn so wɔ ɔdɔ mu.—Efe 6:4.

Ɛsɛ sɛ mmofra di wɔn awofo ni na wɔtie wɔn. (Mme 23:22) Ɛsɛ sɛ wɔka wɔn komam asɛm kyerɛ wɔn awofo, na wɔma wɔn awofo hu sɛnea wɔte nka. Ɛsɛ sɛ wɔbu wɔn awofo, na sɛ wɔn awofo tene wɔn so a, ɛsɛ sɛ wɔgye tom.—Mme 19:20.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MA ANIGYE MMRA W’ABUSUA MU. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Dɛn na obiara yɛe a ɛboa maa anigye baa abusua no mu?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena