BIBLE MU AKORADE
“Munnya Yehowa Mo Nyankopɔn Mu Gyidi”
Bere a atamfo baa Yehosafat ne Yudafo no so no, wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa wɔn (2Be 20:12, 13; w14 12/15 17 ¶8)
Yehowa kaa ne nkurɔfo no koma too wɔn yam, na ɔmaa wɔn akwankyerɛ a emu da hɔ (2Be 20:17)
Yehowa gyee ne nkurɔfo efisɛ wɔnyaa ne mu gyidi (2Be 20:21, 22, 27; w21.11 16 ¶7)
Ahohiahia kɛse no mu no, sɛ Gog tow hyɛ Yehowa nkurɔfo so a, wɔn a wɔnya Yehowa mu gyidi, na wɔtie wɔn a Yehowa nam wɔn so di yɛn anim no, wɔremmɔ hu.—2Be 20:20.