Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 September kr. 7
  • Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Sɛnea Mpanyimfo Da Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu Adi Kyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Mpanyimfo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Wopɛ Sɛ Wusi Gyinae Bi a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wode Wo Ho To Yehowa So?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 September kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo

Wɔn a wɔdi tumi wɔ wiase no, nkurɔfo nka wɔn ho asɛmpa. Wei nyɛ nwanwa. Efi tete nyinaa, nnipa de wɔn tumi didi nkurɔfo ho, na wɔde sisi afoforo. (Mik 7:3) Nanso yɛn de, Yehowa ahyira yɛn. Wama yɛn asafo mu mpanyimfo a wɔatete wɔn yiye ma enti wɔde tumi a wɔwɔ no boa yɛn.—Es 10:3; Mt 20:​25, 26.

Asafo mu mpanyimfo nte sɛ wɔn a edi tumi wɔ wiase no. Asafo mu mpanyimfo de, nea enti a wɔyere wɔn ho nya saa hokwan no ne sɛ, wɔdɔ Yehowa ne ne nkurɔfo. (Yoh 21:16; 1 Pe 5:​1-3) Mpanyimfo no yɛ adwuma wɔ Yesu akwankyerɛ ase. Wɔboa asafo no muni biara ma n’ani ka Yehowa asafo no mu, na ɔbata Yehowa ho daa. Sɛ asafo no muni bi hia mmoa a ɛbɛma wagyina ne nan so wɔ Yehowa som mu a, mpanyimfo no nyɛ mmɔtohɔ; wɔboa no ntɛm. Sɛ yare bɔ obi putupuru anaa atoyerɛnkyɛm si a, ɛno nso wɔntwentwɛn so koraa; wɔdi ho dwuma ntɛm. Sɛ wuhia mmoa bi a, adɛn nti na wunkohu w’asafo mu panyin bi ne no nka ho asɛm?—Yak 5:14.

Video a yɛato din “Mpanyimfo Yɛ Ahwɛfo a Wɔdɔ Yehowa Nguan No,” emu mfoni na ɛwɔ ha yi. Asafo mu panyin bi de anigye abam Elias.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MPANYIMFO YƐ AHWƐFO A WƆDƆ YEHOWA NGUAN NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Nea mpanyimfo no yɛ maa Mariana no, ɛboaa no sɛn?

  • Nea mpanyimfo no yɛ maa Elias no, ɛboaa no sɛn?

  • Video yi a wohwɛe yi, ɛma wuhu mpanyimfo adwuma no sɛn?

Kohu asafo mu panyin bere a . . .

  • woatu akɔtena baabi foforo anaa wo tɛlefon nɔma asesa

  • sɔhwɛ a emu yɛ den bi ato wo

  • woretu kwan na wunim sɛ wobɛkyɛ

  • yare a emu yɛ den bi abɔ wo anaa dɔkta aka akyerɛ wo sɛ wɔbegye wo ato ayaresabea

  • woayɛ bɔne kɛse bi

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena