Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w25 September kr. 2-7
  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ ‘YƐFRƐ ASAFO MU MPANYIMFO’ NO?
  • ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐFRƐ ASAFO MU MPANYIMFO?
  • ƆKWAN BƐN NA ASAFO MU MPANYIMFO FA SO BOA YƐN?
  • ASƐDE A YƐN MU BIARA WƆ
  • Sɛnea Mpanyimfo Da Ɔdɔ Ne Mmɔborɔhunu Adi Kyerɛ Wɔn a Wɔayɛ Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Sɛnea Wɔahyehyɛ Nneɛma Wɔ Kristofo Asafo No Mu
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
  • Anuanom Mmarima​—Morebɔ Mo Ho Mmɔden Abɛyɛ Asafo Mu Mpanyimfo Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Ahwɛfo a Wɔyi Wɔn Yam Boa Yehowa Nkurɔfo
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
w25 September kr. 2-7

ADESUA ASƐM 36

DWOM 103 Ahwɛfo—Wɔyɛ Akyɛde

‘Frɛ Asafo No Mu Mpanyimfo’

“Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.”—YAK. 5:14.

NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM

Sɛ yehu sɛ yehia mmoa a, ɛsɛ sɛ yɛma asafo mu mpanyimfo boa yɛn.

1. Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ne nguan som bo ma no?

YEHOWA nguan som bo ma no. Ɔde Yesu mogya na ɛtɔɔ nguankuw no, na ɔde wɔn ahyɛ asafo mu mpanyimfo no nsa sɛ wɔnhwɛ wɔn so. (Aso. 20:28) Onyankopɔn pɛ sɛ mpanyimfo no yɛ ne nguan no brɛbrɛ. Mpanyimfo no di Yesu akwankyerɛ so, enti wɔhyɛ nguan no nkuran, na biribiara a ɛbɛsɛe wɔne Yehowa ntam no, wɔboa wɔn ma wɔtwe wɔn ho fi ho.—Yes. 32:​1, 2.

2. Henanom paa na Yehowa ani ku wɔn ho? (Hesekiel 34:​15, 16)

2 Yehowa dwen ne nguan nyinaa ho paa, nanso n’asomfo a wɔrehu amane no, wɔn paa na n’ani ku wɔn ho. Ebinom wɔ hɔ a, ebia mfomso a wɔadi nti, wɔreteetee. Wɔn a wɔte saa no, Yehowa fa asafo mu mpanyimfo so boa wɔn. (Kenkan Hesekiel 34:​15, 16.) Enti yehia mmoa a, Yehowa pɛ sɛ yetu ho anammɔn. Mmere a ɛtete saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae hwehwɛ mmoa fi Onyankopɔn hɔ. Ɛno akyi no, “ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo” a wɔwɔ asafo no mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi wɔn nso hɔ.—Efe. 4:​11, 12.

3. Adwuma a asafo mu mpanyimfo yɛ no, sɛ yesusuw ho a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

3 Sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw anaa yɛne Yehowa ntam sɛe a, Yehowa nam mpanyimfo no so ayɛ nhyehyɛe a ɔde boa yɛn. Adesua yi mu no, yebesusuw saa nhyehyɛe no ho. Yebenya nsɛmmisa a edidi so yi ho mmuae: Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ? Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Ɔkwan bɛn na wɔfa so boa yɛn? Seesei, sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama mpo a, nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae no bɛma yɛanya anisɔ kɛse ama Yehowa nhyehyɛe yi, na sɛ daakye bi yehia mmoa a, yɛahu nea yɛbɛyɛ.

BERE BƐN NA ƐSƐ SƐ ‘YƐFRƐ ASAFO MU MPANYIMFO’ NO?

4. Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a ɛwɔ Yakobo 5:​14-16, 19, 20 no fa obi a ne gyidi ayɛ mmerɛw ho? (Hwɛ mfoni no nso.)

4 Osuani Yakobo kyerɛɛ sɛnea Yehowa fa mpanyimfo no so boa yɛn. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo mu bi yare anaa? Ma ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo.” (Kenkan Yakobo 5:​14-16, 19, 20.) Yɛhwɛ asɛm a na Yakobo reka no a, ɛma yehu sɛ na ɔreka obi a ne gyidi ayɛ mmerɛw ho asɛm. Nea ɔyare no, Yakobo anka sɛ ɔmfrɛ dɔkta, mmom ɔkaa sɛ ɔmfrɛ asafo mu mpanyimfo. Afei nso, Yakobo kyerɛɛ mu sɛ, sɛ wɔde onii no bɔne kyɛ no a, ne ho bɛyɛ no den. Obi a ne gyidi ayɛ mmerɛw no te sɛ obi a ɔyare; ehia sɛ wɔn mu biara yɛ biribi na wɔatumi asan agyina wɔn nan so. Sɛ yɛyare a, yekohu dɔkta, yɛka nea ɛhaw yɛn kyerɛ no, na akwankyerɛ biara a ɔde bɛma yɛn no, yedi so. Sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw nso a, biribi saa na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yekohu asafo mu panyin bi, yɛka yɛn haw kyerɛ no, na yɛde Bible mu afotu a ɔde ma yɛn no yɛ adwuma.

Mfoni: 1. Ɔbarima bi abati yɛ no yaw, na ɔrekyerɛkyerɛ mu akyerɛ dɔkta bi. 2. Onua bi ne ɔpanyin bi te bɛnkye bi so wɔ abɔnten, na ɔreka ne haw akyerɛ ɔpanyin no.

Sɛ yɛyare a, yekohu dɔkta; sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw nso a, ɛsɛ sɛ yekohu mpanyimfo no (Hwɛ nkyekyɛm 4)


5. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛne Yehowa ntam reyɛ asɛe?

5 Yakobo ti 5 no hyɛ yɛn nkuran sɛ, sɛ yehu sɛ yɛne Yehowa ntam reyɛ asɛe a, ɛsɛ sɛ yekohu mpanyimfo no. Enti ɛho hia paa sɛ yɛhwehwɛ mmoa ansa na yɛne Onyankopɔn ntam asɛe koraa! Ɛnsɛ sɛ yɛdaadaa yɛn ho. Kyerɛwnsɛm no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, yɛanhwɛ yiye a, yebetumi anya adwene sɛ yɛne Yehowa ntam yɛ kama, nanso na ɛnte saa. (Yak. 1:22) Tete Kristofo a na wɔwɔ Sardi no, wɔn mu bi dii mfomso koro yi ara bi, na Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ teaseawu. (Adi. 3:​1, 2) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu sɛnea yɛne Yehowa ntam te a, ɔkwan baako a yebetumi afa so ahu ne sɛ, ahokeka a na yɛde som Yehowa bere bi a atwam no, yebetumi de atoto sɛnea ɛte nnɛ no ho ahwɛ. (Adi. 2:​4, 5) Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛnea na mede anigye kenkan Bible dwinnwen ho no, akɔ fam anaa? Nea yesua wɔ adesua ase no, ɛyɛ a meto me bo ase sua anaa meyɛ no biarabiara? Adesuakɔ nso ɛ, metoto mu anaa? Ahokeka a mede yɛ asɛnka adwuma no, akɔ fam anaa? Anigyede anaa ahonyade na agye m’adwene anaa?’ Sɛ nsɛmmisa yi mu bi ho mmuae yɛ yiw a, ebetumi akyerɛ sɛ yɛn gyidi ayɛ mmerɛw, na sɛ yɛanhwɛ anyɛ ho biribi a ebetumi agye nsam. Sɛ yɛn ara yentumi nyɛ biribi mfa nhyɛ yɛn gyidi den, anaa sɛ yɛato Onyankopɔn mmara bi dedaw a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ.

6. Sɛ obi ayɛ bɔne kɛse bi a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

6 Sɛ obi ayɛ bɔne kɛse bi a ebetumi ama wɔayi no afi asafo no mu a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ asafo mu panyin bi amanneɛ. (1 Kor. 5:​11-13) Obiara a wayɛ bɔne kɛse bi no, ohia mmoa na ama ɔne Yehowa ntam asan ayɛ kama. Agyede no nti, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ ‘nnwuma a ɛkyerɛ sɛ yɛasakra yɛn adwene.’ (Aso. 26:20) Baako ne sɛ, sɛ yɛayɛ bɔne kɛse bi a, ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ mpanyimfo no.

7. Henanom nso na wɔhia mpanyimfo no mmoa?

7 Ɛnyɛ wɔn a wɔayɛ bɔne kɛse no nko ara na mpanyimfo no boa wɔn, mmom wɔboa wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw nso. (Aso. 20:35) Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛko atia akɔnnɔ bɔne. Sɛ ansa na worebehu nokware no na wonom nnubɔne, wohwɛ ponografi, anaa wubu brabɔne a, ɛnde ɔko no mu betumi ayɛ den paa. Nanso wubetumi anya mmoa. Wubetumi aka akyerɛ ɔpanyin bi a wugye di sɛ ɔbɛyɛ aso atie wo, ɔbɛma wo afotu a ɛbɛboa wo, na wama wo awerɛhyem sɛ, sɛ woyere wo ho ko tia akɔnnɔ bɔne a, ɛbɛma Yehowa ani agye. (Ɔsɛnk. 4:12) Sɛ akɔnnɔ bɔne a daa ɛba wo mu nti, ama w’abam abu a, mpanyimfo no betumi akae wo sɛ, abasamtu a ɛte saa betumi akyerɛ sɛ wobrɛ wo ho ase, na wompɛ sɛ wo ne Yehowa ntam bɛsɛe.—1 Kor. 10:12.

8. Bɔne bɛn na ɛho nhia sɛ yɛka kyerɛ mpanyimfo no?

8 Ɛnyɛ mfomso biara a yebedi na ehia sɛ yɛkɔka kyerɛ mpanyimfo no. Fa no sɛ woaka asɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ onua anaa onuawa bi, anaa wo bo afuw no denneennen. Sɛ́ anka wobɛkɔ akɔka akyerɛ ɔpanyin bi no, fa Yesu afotu no yɛ adwuma, na wo ne wo nua no nsiesie mo ntam. (Mat. 5:​23, 24) Wubetumi nso ayɛ odwo, abotare, ne ahohyɛso ho nhwehwɛmu wɔ asafo nhoma mu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ada su a ɛte saa adi bere foforo. Nanso sɛ woantumi ansiesie ɔhaw no a, wubetumi ahwehwɛ mmoa afi ɔpanyin bi hɔ. Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Filipifo no mu no, ɔka kyerɛɛ onua bi sɛ ɔmmoa Euodia ne Sintike ma wɔnsiesie wɔn ntam. Wo nso w’asafo mu panyin bi betumi de mmoa a ɛte saa ama wo.—Filip. 4:​2, 3.

ADƐN NTI NA ƐSƐ SƐ YƐFRƐ ASAFO MU MPANYIMFO?

9. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma aniwu siw yɛn kwan sɛ yɛbɛfrɛ mpanyimfo no? (Mmebusɛm 28:13)

9 Sɛ yɛayɛ bɔne kɛse bi, anaa ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛko atia akɔnnɔ bɔne bi a, yehia gyidi ne akokoduru na yɛatumi ahwehwɛ mmoa. Ɛnsɛ sɛ yɛma aniwu siw yɛn kwan sɛ yɛbɛfrɛ mpanyimfo no. Adɛn ntia? Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ so a, ɛkyerɛ sɛ yɛwɔ ne mu ahotoso, na yegye di sɛ akwankyerɛ a ɔde ma yɛn no boa yɛn ma yɛn gyidi yɛ den. Sɛ yehu sɛ yɛreyɛ ahwe ase a, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ yehia Yehowa mmoa. (Dw. 94:18) Afei nso, sɛ yɛayɛ bɔne bi na yɛka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo no na yegyae a, Yehowa behu yɛn mmɔbɔ de akyɛ yɛn.—Kenkan Mmebusɛm 28:13.

10. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi na yɛde sie a, dɛn na ebetumi asi?

10 Sɛ yɛyɛ bɔne na yɛka kyerɛ mpanyimfo no a, Yehowa betumi de yɛn bɔne akyɛ yɛn, na yɛne ne ntam asan ayɛ kama. Nanso sɛ yɛde sie a, yɛne ne ntam betumi asɛe koraa. Bere a Ɔhene Dawid kataa ne bɔne so no, ɛmaa ɔne Yehowa ntam sɛee, odii awerɛhow, na ɔyɛɛ hahaaha. (Dw. 32:​3-5) Sɛ yepira anaa yɛyare na yɛanhwɛ ansa yɛn ho yare a, ebetumi ayɛ kɛse. Saa ara nso na sɛ yɛyɛ bɔne kɛse bi na yɛanhwehwɛ mmoa amfi mpanyimfo no hɔ a, ebetumi ama yɛne Yehowa ntam asɛe koraa. Yehowa nim saa, enti nhyehyɛe a wayɛ sɛ mpanyimfo no mmoa yɛn ma yɛne ne ntam nsan nyɛ kama no, ɔpɛ sɛ yɛfa saa nhyehyɛe no so ne no ‘toto nneɛma yiye.’—Yes. 1:​5, 6, 18.

11. Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse na yɛde sie a, ɔhaw foforo bɛn na ebetumi akɔfa aba?

11 Sɛ yɛyɛ bɔne kɛse na yɛde sie a, ebetumi akɔfa ɔhaw abrɛ afoforo. Ebetumi ama Onyankopɔn ayi ne honhom afi asafo no so, na ebetumi asɛe anuanom asomdwoe. (Efe. 4:30) Sɛ asafo no muni bi nso yɛ bɔne kɛse bi na yɛte ho asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nkuran sɛ ɔnkɔbɔ asafo mu mpanyimfo no amanneɛ.a Sɛ yɛkata onii no bɔne no so a, yɛn nso yebedi fɔ wɔ Yehowa anim. (Lev. 5:1) Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no kanyan yɛn ma yɛkɔka kyerɛ mpanyimfo no. Yɛyɛ saa a, ɛma asafo no ho tew, na ɛboa ma onii a wayɛ bɔne no ne Yehowa ayɔnkofa no san si ne dedaw mu.

ƆKWAN BƐN NA ASAFO MU MPANYIMFO FA SO BOA YƐN?

12. Ɔkwan bɛn na mpanyimfo no fa so boa wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw?

12 Bible ka kyerɛ asafo mu mpanyimfo sɛ wɔmmoa wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no. (1 Tes. 5:14) Sɛ woayɛ bɔne bi a, ebia wɔbebisabisa wo nsɛm bi de ahu nea ɛwɔ wo koma ne w’adwene mu. (Mmeb. 20:5) W’amammerɛ, wo suban, anaa aniwu nti, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wobɛka wo koma mu asɛm akyerɛ mpanyimfo no. Nanso sɛ wutumi ka kyerɛ wɔn a, ɛbɛboa wɔn ama wɔahu nea ɛhaw wo. Ebia wusuro sɛ anhwɛ a na wo “kasa ayɛ hatuhatu,” nanso mma ɛno nnhaw wo. (Hiob 6:3) Mpanyimfo no rempere wɔn ho mmu wo atɛn, mmom wɔbɛyɛ aso atie wo ahu asɛm no nyinaa ani so yiye ansa na wɔde Bible mu afotu ama wo. (Mmeb. 18:13) Mpanyimfo no nim sɛ egye bere na wɔatumi de mmoa a ɛfata ama anuanom, enti wɔnim sɛ ɛtɔ da a, ebia ebehia sɛ wɔhyia obi bɛboro pɛnkoro ansa na wɔatumi aboa no.

13. Sɛ mpanyimfo no ne yɛn bɔ mpae na wɔde Bible mu afotu ma yɛn a, ɛbɛboa yɛn sɛn? (Hwɛ mfoni no nso.)

13 Sɛ wofrɛ mpanyimfo no a, wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wɔrenyɛ biribiara a ɛbɛma w’ahonim a ɛreteetee wo no ayɛ kɛse. Mmom wɔne wo bɛbɔ mpae. “Tumi kɛse” a wɔn mpaebɔ no betumi anya wɔ wo so no, anhwɛ a ɛbɛyɛ wo nwanwa mpo. Afei nso, ‘wɔbɛsra wo ngo wɔ Yehowa din mu.’ (Yak. 5:​14-16) “Ngo” a yɛreka ho asɛm yi gyina hɔ ma nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. Bible mu nsɛm a mpanyimfo no ne wo besusuw ho no betumi akyekye wo werɛ, na ɛbɛboa wo ma wo ne Yehowa ayɔnkofa mu asan ayɛ den. (Yes. 57:18) Akwankyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm no so a wɔde bɛma wo no, ebetumi aboa wo paa ma woayere wo ho akɔ so ayɛ nea ɛtene. Mmoa a mpanyimfo no de bɛma wo no, ɛbɛyɛ te sɛ nea Yehowa reka akyerɛ wo sɛ: “Ɔkwan no ni. Fa so.”—Yes. 30:21.

Mfoni: 1. Dɔkta a ɔwɔ mfoni baako no mu no aso ɔbarima no abati rehwɛ sɛ obehu nea ɛhaw no a. X-ray a wɔmaa ɔbarima no twae no, wuhu wɔ ban no ho. 2. Asafo mu panyin a onua no kaa ne haw kyerɛɛ no no, ɔne ɔpanyin foforo akɔ onua no fie, na wɔrekan Bible mu asɛm de ahyɛ no nkuran. Onua no ani agye retie mpanyimfo no.

Wɔn a wɔn gyidi ayɛ mmerɛw no, mpanyimfo no de Bible no kyekye wɔn werɛ (Hwɛ nkyekyɛm 13-14)


14. Sɛnea Galatifo 6:1 kyerɛ no, sɛn na mpanyimfo no boa obi a wadi “mfomso”? (Hwɛ mfoni no nso.)

14 Kenkan Galatifo 6:1. Sɛ Kristoni bi di “mfomso” a, ɛkyerɛ sɛ wamfa Onyankopɔn akwankyerɛ ammɔ ne bra. Mfomso a yɛreka yi, ebetumi akyerɛ sɛ Kristoni bi ansi gyinae pa, anaa wabu Onyankopɔn mmara bi so. Ɔdɔ kanyan asafo mu mpanyimfo ma ‘wɔbɔ mmɔden de odwo gye onipa a ɔte saa no si yiye.’ Greek asɛmfua a yɛakyerɛ ase ‘gye si yiye’ no, ebetumi nso akyerɛ dompe a emu abu a wɔreka asi anim sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtoa. Dɔktani a onim adwuma paa no, sɛ ɔreka dompe bi asi anim a, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ no ɔkwan bi so a, onii no rente yaw kɛse. Asafo mu mpanyimfo nso, sɛ wɔreboa obi a wadi mfomso agye no asi yiye a, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no wɔ ɔkwan bi so a wɔremmere onii no kuru. Bible tu mpanyimfo no ankasa nso fo sɛ ‘wɔnhwɛ wɔn ho so yiye.’ Sɛ mpanyimfo no reboa yɛn ama yɛatenetene yɛn akwan a, wɔn nso kae sɛ wɔyɛ abɔnefo enti wɔbetumi adi mfomso. Sɛ́ anka wɔbɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ wɔtene sen onii a wadi mfomso no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no brɛbrɛ.—1 Pet. 3:8.

15. Sɛ yɛwɔ ɔhaw bi a, dɛn na yebetumi ayɛ?

15 Yebetumi de yɛn ho ato asafo mu mpanyimfo so. Yehowa atete wɔn ma wɔahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyi yɛn kokoam nsɛm adi, na sɛ wɔretu fo nso a, ɛnsɛ sɛ wɔbɔ wɔn tirim ka asɛm biara, mmom ɛsɛ sɛ wɔde gyina Bible so. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔkɔ so boa yɛn ma yɛsoa yɛn nnesoa. (Mmeb. 11:13; Gal. 6:2) Ɛsono sɛnea mpanyimfo no mu biara te ne suahu a ɔwɔ, nanso yebetumi akɔ wɔn mu biara nkyɛn akɔka yɛn haw akyerɛ no. Wei nkyerɛ sɛ, sɛ yɛrepɛ afotu a, esiane sɛ yɛrehwehwɛ obi a ɔbɛka nea yɛrepɛ ate akyerɛ yɛn nti, yefi ɔpanyin wei hɔ a, na yɛkɔ ɔpanyin foforo hɔ. Sɛ yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ yɛte sɛ nkurɔfo a wɔpɛ sɛ wɔte “nsɛm a ɛbɛyɛ wɔn asom dɛ,” na ɛnyɛ “nkyerɛkyerɛ pa” a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu no. (2 Tim. 4:3) Sɛ yɛkɔka yɛn haw kyerɛ ɔpanyin bi a, ebia obebisa yɛn sɛ yɛne mpanyimfo afoforo asusuw ho anaa, na sɛ saa a, afotu bɛn na wɔde maa yɛn. Esiane sɛ ɔpanyin a ɔte saa brɛ ne ho ase nti, ebia ɔbɛkɔ akɔhwehwɛ afotu afi ɔpanyin foforo hɔ.—Mmeb. 13:10.

ASƐDE A YƐN MU BIARA WƆ

16. Asɛde bɛn na yɛn mu biara wɔ?

16 Ɛwom sɛ yɛyɛ Onyankopɔn nguan a mpanyimfo no hwɛ yɛn so, nanso wɔnkyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛyɛ yɛn mu biara asɛde sɛ ɔde onyamesom pa bɔ ne bra, efisɛ yebebu yɛn kasa ne yɛn nneyɛe ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn. (Rom. 14:12) Yehowa mmoa so nti, yebetumi akɔ so adi nokware ama no. Enti mpanyimfo no nkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ, mmom wɔde Bible no boa yɛn ma yehu Onyankopɔn adwene. Sɛ yɛde Bible mu afotu a wɔde ma yɛn no yɛ adwuma a, yebetumi atete yɛn “adwene” sɛnea ɛbɛyɛ a yebesisi gyinae pa.—Heb. 5:14.

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

17 Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛyɛ Yehowa nguan! Yehowa somaa “oguanhwɛfo pa” Yesu sɛ ommetua agyede no, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi anya daa nkwa. (Yoh. 10:11) Afei nso, Yehowa nam asafo mu mpanyimfo no so ama ne bɔhyɛ yi abam: “Mɛma mo nguanhwɛfo a wɔbɛyɛ nea me koma pɛ, na wɔde nimdeɛ ne nhumu bɛyɛn mo.” (Yer. 3:15) Sɛ yɛn gyidi yɛ mmerɛw anaa yɛyɛ bɔne kɛse bi a, ɛnsɛ sɛ yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛfrɛ mpanyimfo no ma waboa yɛn. Nhyehyɛe a Yehowa ayɛ sɛ asafo mu mpanyimfo mmoa yɛn no, momma yensi yɛn bo sɛ yɛbɛkyerɛ ho anisɔ bere nyinaa.

WUBEBUA SƐN?

  • Bere bɛn na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ mmoa fi mpanyimfo no hɔ?

  • Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛfrɛ mpanyimfo no?

  • Ɔkwan bɛn na mpanyimfo no fa so boa yɛn?

DWOM 31 O Wo ne Onyankopɔn Nnantew!

a Sɛ woma nea wayɛ bɔne no bere kakra sɛ ɔnkɔka ne bɔne na wankɔ a, nokware a wopɛ sɛ wudi ma Yehowa nti, ɛsɛ sɛ wo ara wokɔka nea wunim kyerɛ mpanyimfo no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena