Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w21 October kr. 29-31
  • 1921—Mfe Ɔha a Atwam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1921—Mfe Ɔha a Atwam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ASƐMPAKAFO A WONSURO HWEE
  • ADESUA A ANKOROANKORO YƐ NE ABUSUA ADESUA
  • NHOMA FOFORO!
  • ADWUMA A NA ƐDA WƆN ANIM
  • Yɛyɛ Nea Yehowa Ka a, Yenya Nhyira Pii
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • 1922—Mfe Ɔha a Atwam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nneɛma a Yɛyɛ a Ɛma Yɛn Ani Gye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Agyapade a Nkyirimma Anya so Mfaso
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
w21 October kr. 29-31

1921 Mfe Ɔha A Atwam

ƆWƐN-ABAN a ɛbaa January 1, 1921 no bisaa Bible Asuafo no saa asɛm yi: “Afe yi, adwuma bɛn na ɛda yɛn anim?” Ɔwɛn-Aban no faa asɛm a ɛwɔ Yesaia 61:1, 2 na ebuaa saa asɛm no. Ɛkaee Bible Asuafo no sɛ, wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛka asɛmpa no. “Yehowa asra me sɛ memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahobrɛasefo. . . Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa adom afe ne ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka.”

ASƐMPAKAFO A WONSURO HWEE

Sɛ na Bible Asuafo no betumi aka asɛmpa no a, na ɛnsɛ sɛ wosuro. Ná ɛnyɛ “asɛmpa” no nko ara na ɛsɛ sɛ wɔka kyerɛ ahobrɛasefo, na mmom na ɛsɛ sɛ wɔka “ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka” nso ho asɛm kyerɛ abɔnefo.

Ɛwom sɛ Onua J. H. Hoskin a na ɔte Canada no hyiaa ɔsɔretia, nanso ɔde akokoduru dii adanse. Afe 1921 mfiase hɔ no, ohyiaa Metɔdist sɔfo bi. Onua Hoskin fii nkɔmmɔbɔ no ase sɛ: “Yɛntɔ yɛn bo ase mmɔ Kyerɛwnsɛm no mu nkɔmmɔ, na sɛ yɛn adwene anhyia wɔ nsɛm bi ho mpo a, yebetumi awie nkɔmmɔbɔ no wɔ asomdwoe mu na yɛakɔ so ayɛ nnamfo.” Nanso amma saa. Onua Hoskin kaa sɛ: “Yefii nkɔmmɔbɔ no ase no, anni gyina koraa na [ɔsɔfo no] de ne nsa hwee ɔpon no mu denneennen. Ɛyɛɛ me sɛ gyama ahwehwɛ kɛse a ɛhyɛ mu no rebeyi ahwe fam.”

Ɔsɔfo no teɛɛm guu Onua Hoskin so sɛ: “Adɛn nti na wonkɔ wɔn a wɔnkɔ asɔre no nkyɛn nkɔka asɛm no nkyerɛ wɔn?” Onua Hoskin ammɔ waw mpo. Bere a ɔrekɔ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, ‘Sɛnea ɔsɔfo yi yɛɛ n’ade no, wobɛka sɛ ɔnkɔ asɔre mpo!’

Ade kyee a ɔsɔfo no reyɛ asɔre no, Onua Hoskin ho asɛm kopuee hɔ. Ɔkekaa ne ho nsɛmmɔne. Onua Hoskin kaa sɛ: “Ɔsɔfo no ka kyerɛɛ n’asɔremma no sɛ wɔnhwɛ yiye paa wɔ me ho, efisɛ meyɛ ɔdaadaafo a wonhuu me sɛso da wɔ kurow no mu, na ɛsɛ sɛ wɔbɔ me tuo.” Onua Hoskin ammɔ hu ketekete mpo; ɔkɔɔ so kaa asɛmpa no, na nkurɔfo nso tiei. Ɔkaa sɛ: “Mekaa asɛmpa no wɔ hɔ maa m’ani gyei paa. Nkurɔfo no bi mpo kaa sɛ, ‘Yenim sɛ woyɛ Nyame-nipa!’ na wɔkaa sɛ, sɛ mihia biribi a menka nkyerɛ wɔn.”

ADESUA A ANKOROANKORO YƐ NE ABUSUA ADESUA

Nea ɛbɛboa anigyefo ma wɔanya nkɔso no, Bible Asuafo no yɛɛ Bible adesua ho nhyehyɛe bi wɔ The Golden Agea no mu. Wɔtoo din, ‘Mmofra Bible Adesua.’ Ná ɛyɛ nsɛmmisa a awofo ne wɔn mma besusuw ho. Ná ɛsɛ sɛ awofo “bisa mmofra no saa nsɛm no, na wɔboa wɔn ma wɔhwehwɛ mmuae no wɔ Bible mu.” Nsɛmmisa no bi ne sɛ, “Nhoma dodow ahe na ɛwɔ Bible no mu”? Ná nsɛmmisa a ɛtete saa no ma wohu Bible ho nokwasɛm bi. Asɛmmisa no bi nso ne sɛ, “Ɛsɛ sɛ nokware Kristoni biara hwɛ kwan sɛ wɔbɛtan n’ani anaa?” Asɛmmisa a ɛte saa boaa mmofra no ma wɔde akokoduru dii adanse.

Afei, Bible Asuafo a na wonim Bible mu dedaw no nso, wɔyɛɛ nhyehyɛe bi maa wɔn. Ná ɛyɛ nsɛmmisa a emu dɔ a na egyina Studies in the Scriptures, ɔfã a edi kan no so. Saa nhyehyɛe yi boaa nnipa mpempem bebree. Nanso The Golden Age a ɛbaa December 21, 1921 no bɔɔ amanneɛ sɛ, wobetwa saa nhyehyɛe mmienu no nyinaa mu. Adɛn nti na nsakrae no bae putupuru saa?

NHOMA FOFORO!

The Harp of God nhoma no

Kaad a ɛkyerɛ nkratafa dodow a ɛsɛ sɛ onii no kenkan

Kaad a nsɛmmisa wɔ so

Anuanom a na wodi adwuma no anim saa bere no hui sɛ, ehia sɛ wɔn a wɔresua Bible no foforo no sua nokware atitiriw no nnidiso nnidiso, kyerɛ sɛ, wɔfa Bible mu asɛm baako a na wɔasusuw ho, wowie a na wɔkɔ foforo so. Ɛno nti, woyii nhoma a wɔato din The Harp of God no adi wɔ November, afe 1921 mu. Anigyefo a wogyee nhoma no bi no de wɔn ho hyɛɛ adesua bi a na wɔn ankasa besua mu; ná wɔrenhia ɔkyerɛkyerɛfo na waboa wɔn. Saa adesua no boaa akenkanfo ma wohuu “nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ a ɛbɛma adasamma anya daa nkwa.” Sɛn na wɔde saa nhyehyɛe yi yɛɛ adwuma?

Sɛ obi gye nhoma no bi a, na wɔma no kaad ketewa bi ka ho. Ná kaad no kyerɛ no nkratafa dodow a ɔbɛkenkan. Nnawɔtwe a edi hɔ no, wɔde kaad foforo a nsɛmmisa pii wɔ so mena no. Ná nsɛmmisa no fa nea onii no adi kan akenkan no ho. Kaad koro no ara bɛkyerɛ no nkratafa a ɔbɛkenkan nnawɔtwe a edi hɔ no.

Nnawɔtwe biara na asafo a ɛbɛn Bible suani no de kaad foforo mena no. Ná wɔyɛ toatoa so saa ara nnawɔtwe 12. Mpɛn pii no, anuanom a na wɔn mfe akɔ anim anaa wontumi nyɛ afie afie asɛnka no na na wɔde kaad no mena. Anna K. Gardner, a ofi Millvale, Pennsylvania, U.S.A. kaa sɛ: “Bere a woyii The Harp of God nhoma no adi no, ɛmaa me nuabea Thayle a na ontumi nnantew papa no nyaa adwuma pii yɛe. Ná ɔde kaad a nsɛmmisa wɔ so no mena nnawɔtwe biara.” Sɛ onii no wie adesua no nyinaa a, na wotu obi fi asafo no mu ma ɔne no kɔtoa Bible adesua no so.

Thayle Gardner te ne mmubuafo akongua mu

ADWUMA A NA ƐDA WƆN ANIM

Afe no awiei no, Onua J. F. Rutherford kyerɛw krataa kɔmaa asafo ahorow no nyinaa. Ɔkaa sɛ: “Afe yi, yedii Ahenni no ho adanse kɔɔ akyiri, na ɛkɔɔ yiye nso sen mfe a abɛsen kɔ no.” Ɔde kaa ho sɛ, sɛ yɛbɔ nkɔnten hwɛ yɛn anim a, “adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Hyɛ afoforo nkuran ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ adwuma a nhyira wom yi mu.” Ɛda adi pefee sɛ, Bible Asuafo no de saa afotu yi yɛɛ adwuma. Afe 1922 no, Bible Asuafo no de akokoduru bɔɔ Ahenni no dawuru. Sɛnea wɔbɔɔ ho dawuru no, na wɔnyɛɛ bi saa da.

Nnamfo a Wɔwɔ Akokoduru

Bible Asuafo no boaa wɔn ho wɔn ho de kyerɛe sɛ wɔdodɔ wɔn ho. Osuahu a edi so yi bɛma yɛahu sɛ, na wɔyɛ nnamfo a wɔwɔ akokoduru a ‘wɔwoo wɔn maa amanehunu bere.’—Mmeb. 17:17.

Benada, May 31, afe 1921 no, wɔbɔɔ obibini barima bi a na ɔwɔ Tulsa, Oklahoma, U.S.A. sobo sɛ waboro oburoni bea bi, na wɔde no too afiase. Ɛno akyi no, aborɔfo mmarima bɛboro 1,000 ne abibifo mmarima kakraa bi de fee so. Ankyɛ koraa na ntɔkwaw no trɛw kɔɔ Greenwood a abibifo paa na na ɛte hɔ no. Nkurɔfo wiaa afie ne nnwuma bɛboro 1,400 mu nneɛma, na wowiei no, wɔde gya too adan no mu. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 36 na wowui, nanso ɛbɛyɛ sɛ nnipa a wowui ankasa bɛyɛ 300. Akyiri yi, wɔtoo saa ntɔkwaw no din Tulsa Race Massacre.

Ná Onua Richard J. Hill yɛ Bible Suani a ɔyɛ bibini a ɔte Greenwood. Ɔkaa nea esii no ho asɛm sɛ: “Anadwo a ntɔkwaw no sii no, yehyia suaa Bible sɛnea yɛyɛ no daa no. Bere a yɛpɔnee no, yɛtee sɛ nkurɔfo retotow atuo wɔ kurom. Yɛkɔdae nyinaa na wogu so retotow atuo no.” Eduu Wukuda anɔpa June 1 no, na agye nsam koraa. Onua Hill toaa so sɛ: “Nkurɔfo bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ yɛmpɛ sɛ asiane biara bɛto yɛn a, ɛnde yɛnkɔ Convention Hall anim-anim yi ara.” Enti Onua Hill ne ne yere ne ne mma nnum guan kɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ Convention Hall a ɛwɔ Tulsa no. Ná abibifo mmarima ne mmea bɛyɛ 3,000 na ɛwɔ hɔ, na na asraafo a aban asoma wɔn sɛ wɔnkɔpata ntɔkwaw no rehwɛ wɔn so wɔ hɔ.

Saa bere no ara Onua Arthur Claus a na ɔyɛ oburoni no sii gyinae bi a ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ akokoduru. Ɔkaa sɛ: “Bere a metee sɛ aturutrafo atew asi Greenwood kurow no mu rewia nkurɔfo nneɛma de ogya reto wɔn afie mu no, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ akɔhwehwɛ m’adamfo Onua Hill akyi kwan.”

Arthur Claus de The Harp of God nhoma no kyerɛɛ adesuakuw bi a mmofra 14 wom ade

Bere a Onua Claus koduu Onua Hill fie no, ɔkɔtoo oburoni bi a ɔte mantam hɔ a okura tuo wɔ fie hɔ. Ná oburoni no nso yɛ Onua Hill adamfo, enti na n’adwene yɛ no sɛ Onua Claus ka aturutrafo no ho. Oburoni no teɛɛm guu ne so sɛ: “Worebɛpɛ dɛn wɔ fie ha?”

Onua Claus kaa sɛ: “Sɛ mannya asɛm papa biara anka ankyerɛ no a, anka ɔbɔɔ me tuo. Enti, memaa no awerɛhyem sɛ meyɛ Onua Hill adamfo, na metaa ba fie hɔ.” Onua Claus ne oburoni no bɔɔ fie no ho ban, na aturutrafo no anya kwan amma hɔ.

Ankyɛ na Onua Claus tee sɛ Onua Hill ne n’abusua wɔ Convention Hall hɔ. Wɔka kyerɛɛ Onua Claus sɛ, sɛ wɔbɛma kwan ma obibini bi afi hɔ a, gye sɛ okura krataa a asraafo no panyin General Barrett de ne nsa ahyɛ ase. Onua Claus kaa sɛ: “Ansa na obi behu ɔsraani panyin no, na wabrɛ mu paa. Bere a mekyerɛɛ no nea mepɛ sɛ meyɛ no, obisaa me sɛ: ‘Wubetumi ahwɛ saa abusua yi ama wɔn nsa aka nea wohia nyinaa anaa?’ Meka kyerɛɛ no sɛ mɛyɛ dodo.”

Onua Claus nsa kaa tumi krataa no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Convention Hall hɔ. Bere a ɔde kyerɛɛ asraafo no mu baako no, ɔkaa sɛ: “Ei, wei de, opeemu no ara na ne nsa hyɛ ase oo! Wunim sɛ da mu yi nyinaa wo na woadi kan abeyi obi afi ha?” Ankyɛ koraa na wohuu Onua Hill ne n’abusua. Wɔn nyinaa piaa wɔn ho hyɛɛ Onua Claus kar mu kɔɔ fie.

“Nnipa mu nyiyim biara nni Onyankopɔn asomfo mu. Abibifo oo aborɔfo oo, yɛn nyinaa yɛ pɛ.”

Onua Claus hwɛɛ Onua Hill ne n’abusua no so yiye. Akokoduru ne onuadɔ a Onua Claus daa no adi no kaa afoforo koma paa. Onua Claus kaa sɛ: “Oburoni no a ɔboa ma wɔbɔɔ Onua Hill fie ho ban no bɛpɛɛ Yehowa Adansefo asɛm paa. Afei nso, nnipa bebree ani begyee Ahenni ho asɛm a yɛka no ho, efisɛ wohui sɛ nnipa mu nyiyim biara nni Onyankopɔn asomfo mu. Abibifo oo aborɔfo oo, yɛn nyinaa yɛ pɛ.”

a Afe 1937 no, wɔsesaa The Golden Age no din yɛɛ no Consolation, na afe 1946 no, wɔsesaa no yɛɛ no Nyan!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena