Adwumayɛfo no gyinagyina wɔn mfiri a wɔde tintim nhoma ho
1922—Mfe Ɔha a Atwam
‘ONYANKOPƆN nam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yedi nkonim!’ (1 Kor. 15:57) Ná wei ne afe 1922 afe asɛm; ɛmaa Bible Asuafo no nyaa awerɛhyem sɛ wobenya wɔn nokwaredi so akatua. Ampa-ne-ampa ara, saa afe no, anuanom yi a ɛde nsi ne ahokeka kaa asɛmpa no, Yehowa ma wonyaa wɔn adwuma no so akatua. Bere a wofii ase tintim wɔn ankasa nhoma, na wɔnam radio so kaa Ahenni ho asɛmpa no, Yehowa hyiraa wɔn. Akyiri yi, afe 1922 no ara mu no, ɛsan bɛdaa adi pefee sɛ na Yehowa rehyira ne nkurɔfo. Bible Asuafo no tumi yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Cedar Point, Ohio, U.S.A. Nea ɛkɔɔ so wɔ saa nhyiam no ase no, ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa ɛreboa Yehowa ahyehyɛde no.
“ADWENKYERƐ KAMAKAMA BI”
Bere a asɛnka adwuma no renya nkɔso no, na anuanom hia nhoma pii nso a wɔde bɛyɛ adwuma no. Ná anuanom a ɛwɔ Brooklyn Betel tumi tintim nsɛmma nhoma, nanso nhoma ankasa de, na nnwumakuw bi na etintim ma wɔn gye sika. Nanso eduu baabi no, abosome pii twaam a na anuanom nnya nhoma mfa nkɔ asɛnka. Ɛbaa saa no, Onua Rutherford bisaa Robert Martin a na ɔhwɛ nhoma tintim so no sɛ asafo no ankasa betumi atintim ne nhoma anaa.
Baabi a na yetintim nhoma wɔ Concord Street, Brooklyn, New York
Onua Martin kaa sɛ ɛyɛ “adwenkyerɛ kamakama, efisɛ ɛma wɔtɔɔ mfiri ahorow a ebi yɛ nea wɔde tintim nhoma, na ebi nso yɛ nea wɔde pam nhoma.” Enti anuanom no han baabi a wɔde betintim nhoma no wɔ 18 Concord Street wɔ Brooklyn, na wɔkɔtotɔɔ ɛho mfiri no.
Nea anuanom no de sii wɔn ani so sɛ wɔbɛyɛ no, ɛnyɛ obiara na n’ani gyee ho. Nhoma tintim adwuma bi a na etintim yɛn nhoma no titenani baa baabi a yɛrebetintim yɛn nhoma no, na ɔkaa sɛ: ‘Hwɛ mo ankasa moanya mo nhoma tintimbea a ɛyɛ nea edi mu sen biara no mu baako, nanso obiara nni ha a onim ho adwuma. Wɔ asram nsia ntam no, ade mu no nyinaa bɛdan nnade gow.’
Onua Martin kaa sɛ: ‘Ɛte sɛ nea na ntease wɔ nea ɔreka no mu, nanso Awurade a ɔka yɛn ho bere nyinaa no, oyii no fii asɛm no mu.’ Ná Onua Martin asɛm no yɛ nokware. Ankyɛ koraa, yefii ase tintim nhoma 2,000 da biara.
Asɛnka agua no ne nkyerɛwee a na ɛwɔ atifi hɔ no, wɔatwe aba anim sɛnea ɛbɛyɛ a yebehu no yiye
YƐFAA RADIO SO KAA ASƐM NO KYERƐƐ NNIPA MPEMPEM
Yɛn ankasa nhoma no bi a na yetintim no da nkyɛn a, yefii ase faa ɔkwan foforo a ɛne radio so kaa asɛmpa no. Kwasida awia, February 26, 1922 ne da a edi kan a Onua Rutherford faa radio so maa ɔkasa. Ná ne kasa no asɛmti ne “Millions Now Living Will Never Die.” (Ɔpepem Pii a Wɔte Ase Nnɛ No Renwu Da.) Ɔmaa no KOG radio steehyin bi a ɛwɔ Los Angeles, California, U.S.A. so.
Nnipa bɛyɛ 25,000 na etiee bi. Wɔn mu bi kyerɛw lɛtɛ de kɔdaa Onua Rutherford ase. Wɔn a wɔkyerɛw lɛtɛ no, na wɔn mu baako ne Willard Ashford a ɔte Santa Ana, California no. Ɔkamfoo Onua Rutherford sɛ na ne kasa no “yɛ dɛ, na na ɛyɛ anika nso.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Yɛyɛ ayarefo mmiɛnsa na ɛwɔ fie. Enti sɛ woamfa radio so, ɛnna wobɛmaa ɔkasa no wɔ baabi a ɛbɛn yɛn mpo a, anka yɛrentumi mmetie bi.”
Efi saa bere no rekɔ no, wɔmaa ɔkasa bebree wɔ radio so. Afe no baa awiei no, Ɔwɛn-Aban no kaa sɛ “anyɛ yiye koraa no, nnipa 300,000 na etiee asɛmpa no wɔ radio so.”
Bere a Bible Asuafo no hui sɛ nnipa pii retie asɛmpa no wɔ radio so no, wɔyɛe sɛ wobesi radio steehyin bi wɔ Staten Island a ɛbɛn Brooklyn Betel. Wɔtoo radio steehyin no din WBBR. Ná Bible Asuafo no bɛfa saa steehyin yi so aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ nnipa pii.
“ADV”
June 15, 1922 Ɔwɛn-Aban no de too gua sɛ, efi September 5 kosi 13, 1922 no, wɔbɛyɛ nhyiam bi wɔ Cedar Point, Ohio. Bere a Bible Asuafo no koduu hɔ no, anigye de, na wɔfa no kwa.
Onua Rutherford kasa a ɔde buee nhyiam no ano no, ɔka kyerɛɛ atiefo no sɛ: “Migye di paa sɛ nhyiam yi bɛba awiei no, na Awurade . . . ahyira yɛn, na yɛde ahokeka bɛkɔ akodi adanse kɛse.” Wɔn a wɔmaa ɔkasa wɔ nhyiam no ase nyinaa twee adwene sii asɛnka adwuma no so mpɛn pii.
Nnipadɔm a ɛkɔɔ nhyiam a wɔyɛɛ no afe 1922 wɔ Cedar Point, Ohio
Afei Fida, September 8 no, nnipa bɛyɛ 8,000 baa nhyiam asa no so, na na wɔayɛ krado paa sɛ wobetie Onua Rutherford kasa a ɔbɛma no saa da no. Ná wɔakyerɛw “ADV” wɔ krataa a wɔde too nsa frɛɛ nkurɔfo no so, enti na wɔrehwɛ kwan sɛ ɔbɛma wɔahu nea ɛkyerɛ. Bere a nnipa no retenatena ase no, ɛda adi sɛ wɔn mu bi hui sɛ wɔabobɔw ntama fitaa bi sɛn asɛnka agua no atifi. Arthur Claus tuu kwan fii Tulsa, Oklahoma, U.S.A. kɔɔ nhyiam no bi. Oduu hɔ no, onyaa baabi pa tenae a na ɛbɛma wate nea ɛbɛkɔ so no yiye efisɛ saa bere no, na akasam biara nni hɔ a sɛ obi kasa a etumi ma ne nne kɔ akyiri.
“Ná yɛawɛn yɛn aso paa retie nea ɛrekɔ so no nyinaa.”
Nea ɛbɛyɛ a sɛ Onua Rutherford rema ne kasa no a, biribiara rentwetwe atiefo no adwene no, oguamtenani no de too gua sɛ, ɔkasa no fi ase a, wɔremma obiara a ɔbɛka akyi no kwan mma ɔmma asa no so. Ɛbɔɔ anɔpa 9:30 no, Onua Rutherford de Yesu asɛm a ɛwɔ Mateo 4:17 no na efii ne kasa no ase. Ɛhɔ ka sɛ: “Ɔsoro Ahenni no abɛn.” Bere a ɔreka kwan a nnipa bɛfa so ate saa Ahenni yi ho asɛm no, ɔkaa sɛ: “Yesu ankasa kaa sɛ, ne mmae mu no, ɔbɛsɔn ne nkurɔfo so na waboaboa anokwafo no ano.”
Onua Claus a na ɔte anim pɛɛ wɔ asa no so no kaa sɛ: “Ná yɛawɛn yɛn aso paa retie nea ɛrekɔ so no nyinaa.” Nanso prɛko pɛ ɔyaree, enti na ɛsɛ sɛ ofi asa no so. Ɔde amemenemfe fii hɔ, efisɛ na onim sɛ wɔremma no kwan mma ɔnnsan mma mu bio.
Simma kakraa bi akyi no, Onua Claus tee nka sɛ ne ho retɔ no. Bere a ɔresan aba baabi a wɔreyɛ nhyiam no, ɔtee sɛ atiefo no rebɔ wɔn nsam denneennen. Afei na ne ho titi no! Enti ɔyɛɛ n’adwene sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ ɔforo kɔ asa no atifi mpo a ɔbɛforo sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte kasa a ɛka koma yi mu nsɛm a aka no. Onua Claus a na wadi mfe 23 no foro kɔɔ dan no atifi. Ná wɔabuebue mpomma a hann fa mu kɔ asa no so no, na ɔrebɛn hɔ no, ohui sɛ ɛhɔ koraa de, “otumi te kasa no yiye paa.”
Nanso na ɛnyɛ Onua Claus nko ara na ɛwɔ hɔ. Ná ne nnamfo bi nso wɔ hɔ. Ná baako din de Frank Johnson; otuu mmirika kobisaa Onua Claus sɛ, “Wowɔ sekamma a ano yɛ nam anaa?”
Onua Claus kaa sɛ, “Yiw mewɔ bi dodo.”
Frank kaa sɛ, “Wei de, Yehowa nam wo so atie yɛn mpaebɔ. Wuhu ade kɛse a wɔabobɔw sɛn ha yi? Ɛyɛ ntama a wɔakyerɛw so. Tie Ɔtemmufo no yiye.a Sɛ wote sɛ ɔreka sɛ, ‘Mommɔ, mommɔ’ pɛ a, ɛsɛ sɛ yetwa nhama nnan yi mu.”
Enti na Onua Claus ayɛ krado kura ne sekan, na na ɔne anuanom a aka no retwɛn sɛ wɔbɛte saa asɛm no. Ankyɛ koraa na Onua Rutherford kasa no duu ne pɔmpɔn so. Sɛnea na kasa no awurawura Onua Rutherford no nti, ɛbɛyɛ sɛ ɔteɛɛm kaa sɛ: “Monyɛ adansefo anokwafo mma Awurade. Monkɔ so nka asɛm no wɔ tokuru biara mu kosi sɛ wɔbɛpra Babilon Kɛse no afi hɔ. Monka asɛm no wɔ baabiara. Ɛsɛ sɛ wiase no hu sɛ Yehowa ne Nyankopɔn na Yesu Kristo ne ahemfo mu Hene ne awuranom mu Awurade. Ɛnnɛ yɛ da titiriw. Hwɛ, Ɔhene no redi tumi! Mo na moyɛ n’adawurubɔfo. Enti mommɔ, mommɔ, mommɔ Ɔhene no ne n’Ahenni dawuru!”
Onua Claus kaa sɛ ɔne anuanom a aka no twaa nhama no mu, na ntama no sianee fɛfɛɛfɛ. Ná “ADV” no yɛ Borɔfo kasa a wɔatwa no tiaa a ɛkyerɛ mommɔ asɛmpa no dawuru.
ADWUMA A ƐHO HIA
Nhyiam a wɔyɛe wɔ Cedar Point no boaa anuanom ma wɔde wɔn adwene sii Ahenni ho asɛmpa a ɛho hia no so, na wɔn a wɔn koma kaa wɔn no de anigye yɛɛ bi. Ɔkwampaefo bi a ofi Oklahoma, U.S.A. kyerɛwee sɛ, “Baabi a na yɛka asɛmpa no, na wotu biriw, na na ohia adokoro wɔn.” Ɔkaa sɛ mpɛn pii no, sɛ nkurɔfo te asɛm a ɛwɔ Golden Age nsɛmma nhoma no mu a, “na ɛma wɔtew nisu.” Ɔkaa no tiawa sɛ, “Ɛyɛ yɛn dɛ paa sɛ yɛbɛkyekye wɔn werɛ.”
Bible Asuafo no behui sɛ, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm tie Yesu asɛm a ɛwɔ Luka 10:2 no. Ɛhɔ ka sɛ: “Afuw no mu nnɔbae a ɛsɛ sɛ wotwa no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua.” Afe no baa awiei no, na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛbɔ Ahenni asɛm no dawuru wɔ baabiara.
a Ɛtɔ da a na wɔfrɛ Onua Rutherford “Ɔtemmufo” efisɛ na wayɛ adwuma sɛ ɔtemmufo wɔ Missouri, U.S.A. pɛn.