Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w22 July kr. 31
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nokware no, ‘Ɛmfa Asomdwoe Mma, na Mmom Nkrante’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Kristofo a Wɔn Abusuafo Nyɛ Adansefo Ani Betumi Agye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Mode Onyankopɔn di Kan wɔ mo Abusua Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • So Wubetumi Aboa Ɔhokafo a Ɔnyɛ Gyidini?
    Yɛn Ahenni Som—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
w22 July kr. 31

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu kaa sɛ: “Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asaase so” no, dɛn na na ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ?

Yesu bɛkaa asomdwoesɛm. Nanso bere bi ɔka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ: “Munnnwen sɛ mede asomdwoe baa asaase so; ɛnyɛ asomdwoe na mede bae, na mmom sekan. Na mede mpaapaemu na ɛbae, na ɔbarima asɔre atia ne papa, na ɔbabea asɔre atia ne maame, na ɔbea warefo asɔre atia n’asebea.” (Mat. 10:34, 35) Dɛn na na Yesu pɛ sɛ ɔkyerɛ?

Ná ɛnyɛ sɛ Yesu pɛ sɛ ɔtetew abusuafo ntam, nanso na onim sɛ ne nkyerɛkyerɛ de mpaapaemu bɛba mmusua bi ntam. Enti, wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Kristo asuafo na wɔbɔ asu no, ɛsɛ sɛ wɔkae nsunsuanso a ebetumi de aba no. Sɛ obi kunu anaa ne yere a ɔnyɛ gyidini anaa n’abusuafo sɔre tia no a, ebetumi ayɛ den sɛ ɔde Kristo nkyerɛkyerɛ bɛbɔ ne bra.

Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ wɔne “nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu.” (Rom. 12:18) Nanso, Yesu nkyerɛkyerɛ betumi ayɛ sɛ “sekan” wɔ mmusua bi mu. Ɛtɔ da a, abusua no muni bi begye Yesu nkyerɛkyerɛ atom, nanso wɔn a aka no bɛpo anaa wɔbɛsɔre atia. Ɛba saa a, na Yesu nkyerɛkyerɛ no akɔyɛ sɛ “sekan” wɔ abusua no mu. Sɛ biribi saa si a, na nea ɔresua ade no abusuafo a ɔne wɔn te fie no abɛyɛ “n’atamfo.”—Mat. 10:36.

Maame bi ba ababaa ‵de akokoduru rekɔ; maame no nte ase enti ɔretoto ne nsa na ɔresrɛ no sɛ mma ɔnnyɛ saa. Ababaa no kura “Wubetumi Anya Anigye Daa!” nhoma no bi.

Kristo asuafo a wɔn abusuafo nyɛ Adansefo no, ɛtɔ da a tebea bi a wotumi hyia no, etumi sɔ ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne Yesu no hwɛ. Ebia wɔn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no bɛhyɛ wɔn sɛ wonni afahyɛ bi. Ɛba saa a, hena na wobetie no? Yesu kaa sɛ: “Nea ɔpɛ ne papa anaa ne maame asɛm sen me no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.” (Mat. 10:37) Ɛnyɛ sɛ na Yesu reka sɛ, sɛ obi bɛfata sɛ ɔyɛ ne suani a, ɛnsɛ sɛ ɔdɔ n’awofo. Mmom, na ɔresi so dua ama wɔahu nea ɛsɛ sɛ wɔde di kan. Sɛ abusuafo a wɔnyɛ Adansefo sɔre tia yɛn sɛ wɔremma yɛnsom Yehowa a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so dɔ wɔn. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no, ɛno na ɛsɛ sɛ yɛde di kan.

Ɛwom, sɛ w’abusuafo sɔre tia wo a, ɛyɛ yaw paa. Nanso, ɛnsɛ sɛ Yesu asuafo ma wɔn werɛ fi n’asɛm yi: “Obiara a ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi no, ɔmfata sɛ ɔyɛ me suani.” (Mat. 10:38) Yɛbɛka a, sɛ Kristofo abusuafo sɔre tia wɔn a, wobu no sɛ ɛka sɔhwɛ a Kristo kaa sɛ n’akyidifo behyia no ho. Enti wofi wɔn pɛ mu gye tom. Bere koro no ara no, wɔhwɛ kwan sɛ wɔn abrabɔ pa no bɛkanyan wɔn abusuafo a wɔnyɛ Adansefo no ama wɔasesa wɔn adwene, na wɔasua Bible no.—1 Pet. 3:1, 2.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena