Nnianim Nsɛm
Wokɔ wiase baabiara a, nnipa ɔpepem pii na wɔwɔ adwene mu yare. Saa yare yi nnim panyin nnim akwadaa; ennim sikani nnim hiani. Ennim sɛ obi akɔ sukuu anaa ɔnkɔɔ sukuu, saa ara nso na ennim sɛ onipa no fi ha anaa ofi ha anaa ɔwɔ ɔsom wei mu anaa wei mu. Adwene mu yare no, ebi ne sɛn? Nneɛma bɛn na ɛma yehu sɛ obi anya adwene mu yare? Sɛ obi nya adwene mu yare a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ ayaresa a edi mu? Sɛn na Bible betumi aboa wɔn a wɔanya adwene mu yare? Ɔwɛn-Aban yi bɛboa yɛn ama yɛanya saa nsɛm yi mu nkyerɛkyerɛmu.