ASETENAM NSƐM
Mahu Anokwafo Pii a Asi Wɔn Yiye
EBIA wokae nkɔmmɔ a wo ne nkurɔfo abɔ a na ɛda wo koma so paa. Me de, mekae baako bi a ɛkɔɔ so bɛyɛ mfe 50 a atwam ni; ná me ne m’adamfo bi reto gya wɔ Kenya. Ná yɛde abosome bebree atu kwan afa awia so ara ma yɛahye, na na yɛrebɔ sini bi a ɛfa nyamesom ho nkɔmmɔ, ɛnna m’adamfo no kaa sɛ, “Nea sini no ka faa Bible ho no nyɛ nokware.”
Meserewee, efisɛ na mimmu m’adamfo no sɛ onim nyamesom ho biribi. Mibisaa no sɛ: “Dɛn na wunim wɔ Bible mu?” Wampere ne ho anyi ano. Akyiri yi ɔka kyerɛɛ me sɛ ne maame yɛ Yehowa Danseni, enti wasua nneɛma bi afi ne hɔ. Nea ɔkae no nti, ɛma mibisabisaa no nsɛm pii.
Saa anadwo no, yɛbɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri paa. M’adamfo no ka kyerɛɛ me sɛ Bible ma yehu sɛ Satan na odi wiase yi so. (Yoh. 14:30) Ebia wo de, wunim wei fi wo mmofraase, nanso me de, na ɛyɛ me nwanwa na na mentee da. Me de, nea na metaa te ne sɛ Onyankopɔn bi a ne yam ye na odi wiase yi so. Nanso mehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ wiase a, na ɛne saa asɛm no bɔ abira. Ɛwom sɛ na madi mfe 26 pɛ, nanso na mahu nneɛma pii a ɛteetee me.
Ná me papa ka United States asogyafo wimhyɛn. Enti meyɛ abofra no, na minim paa sɛ asogyafo betumi ato topae ma ɛde ɔko aba, efisɛ da biara topae no ho ara na na wɔte. Bere a mewɔ kɔlegyi wɔ California no, na Vietnam ko no nso gyina mu. Sukuufo a wɔtew wɔn ho gu mmɔnten so yɛ ɔyɛkyerɛ no, mekɔkaa wɔn ho. Apolisifo totow tiɛ-gas, na wɔde nkontimmaa taa yɛn so ma yeguanee; yɛreguan no na yenhu ade papa na na yentumi nso nhome yiye. Saa bere no, na ɔman no ani adane. Ná wɔrekunkum amanyɔfo, na na ɔyɛkyerɛ ne basabasayɛ nso rekɔ so. Ɛnnɛ a wei se sei, ɔkyena a wei se sei, na obiara reka n’adwene. Ná biribiara ayɛ basaa.
Mifii London kɔɔ Central Africa
Afe 1970 no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Alaska mpoano atifi, na minyaa sika paa. Akyiri yi mekɔɔ London, na mekɔtɔɔ moto, na mede m’ani kyerɛɛ anaafo a na minnim baabi pɔtee a merekɔ. Abosome bi akyi no, mikopuee Afrika. Menam kwan so no, mihyiaa nkurɔfo a na wɔn nso pɛ sɛ wɔde wɔn ho fi wɔn haw ho.
Esiane nea na mate, ne nea na mahu nti, ka a Bible ka sɛ honhom bɔne bi na ɔma nneɛma bɔne kɔ so wɔ asaase so no, na ɛtɔ asom. Nanso adɛn nti na na Onyankopɔn ama wei ho kwan? Ná mepɛ sɛ mihu.
Abosome a edi hɔ no, minyaa ho mmuae. Afei nkakrankakra, mibehuu mmea ne mmarima pii; ɛmfa ho tebea biara a wɔfaa mu no, wɔdii nokware maa nokware Nyankopɔn koro pɛ no, na mebɛpɛɛ wɔn asɛm.
NORTHERN IRELAND—“BAABI A ATOPAE NE ATUO DI AHIM”
Bere a mesan kɔɔ London no, mehwehwɛɛ m’adamfo no maame, na ɔmaa me Bible. Akyiri yi, mekɔɔ Amsterdam a ɛwɔ Netherlands, na na mete kanea bi ase wɔ abɔnten rekan Bible no, na Ɔdansefo bi huu me boaa me ma misuaa nneɛma pii. Ɛno akyi no, mekɔɔ Dublin, a ɛwɔ Ireland, na mekɔɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ hɔ no. Miduu hɔ no, mebɔɔ pon no mu. Ɛhɔ na mihyiaa Arthur Matthews, onua bi a n’ani da fam na ɔwɔ suahu paa. Mekaa sɛ ɔne me nsua Bible no, na ɔpenee so.
Mamfa m’adesua no anni agorɔ, na ahokeka ne anigye a na mede kenkan nhoma ahorow a Yehowa Adansefo atintim no de, yɛnka. Bible no nso, mekenkanee. Ná ɛyɛ anigye sɛ! Mekɔ adesua a, na mihu sɛ nsɛmmisa a akyere nhomanimfo adwene mfe bebree no, mmofra mpo nim ho mmuae. Ebi ne: ‘Adɛn nti na amanehunu wɔ wiase? Hena ne Onyankopɔn? Sɛ yewu a, dɛn na ɛto yɛn? Me ne Adansefo no nko ara na na ɛbɔ. Ná ɛnyɛ den sɛ mɛyɛ saa, efisɛ na minnim obi foforo biara wɔ ɔman no mu. Wɔboaa me ma medɔɔ Yehowa, na ɛkaa me sɛ menyɛ n’apɛde.
Nigel, Denis, ne me
Mebɔɔ asu afe 1972. Afe baako akyi no, mifii akwampae adwuma ase, na mekɔɔ asafo ketewaa bi mu. Ná ɛwɔ Newry, Northern Ireland. Mehan dan bi a atew ne ho si bepɔw so. Ná wɔyɛn anantwi wɔ nkyɛn hɔ, na sɛ merekɔma ɔkasa a, na mebobɔ so kyerɛ anantwi no. Wɔrepuw wesaw nyinaa na asɛ wɔayɛ dinn retie me. Esiane sɛ wɔyɛ mmoa nti, wɔantumi amma me afotu biara nanso wɔboaa me ma mihuu sɛnea mɛhwɛ atiefo anim bere a merema ɔkasa no. Afe 1974 no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw, na Nigel Pitt bɛkaa me ho; ɔbɛyɛɛ m’adamfo a me ne ne ntam antetew da.
Saa bere no, ɔhaw a ani soso baa Northern Ireland. Ebinom kaa sɛ Northern Ireland yɛ “baabi a atopae ne atuo di ahim.” Ɛreyɛ ara ni na nkurɔfo atwa gya ato kar mu, nkurɔfo reko wɔ abɔnten, obi akɔtɛw baabi atow tuo akum obi, nkurɔfo retotow atuo basabasa. Wofa amanyɔsɛm a, buei, nyamesom nso a, booboo. Nanso na Katolekfo ne nsɔrensɔre a aka no nyinaa nim sɛ Yehowa Adansefo nyɛ amanyɔsɛm, enti yetumi kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara a yɛansuro. Wɔn a na yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn no, mpɛn pii no, na wɔnim bere ne beae a basabasayɛ bi betumi ayi ne ti, enti na wɔbɔ yɛn kɔkɔ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremmɛn hɔ.
Nanso na tebea ahorow a ɛyɛ hu da so wɔ hɔ. Da bi, me ne Denis Carrigan a ɔno nso yɛ ɔkwampaefo kɔkaa asɛmpa no wɔ kurow bi a ɛbɛn baabi a na yɛwɔ no; na Adansefo biara nni hɔ, na na yɛakɔ hɔ baako pɛ. Ɔbea bi bɔɔ yɛn sobo sɛ yɛyɛ Britain sum ase asraafo. Ebia nea enti a ɔkaa saa ne sɛ na yɛn mu biara nkasa sɛ Irelandfo. Nea ɔkae no bɔɔ yɛn hu. Sɛ obi tew n’anim kɛkɛ mpo kyerɛ asogyafo a, na wɔbetumi akum no, anaa wɔabɔ no tuo wɔ ne kotodwe. Bere a yɛn nko ara gyina abɔnten retwɛn bɔs a awɔw de yɛn no, yehui sɛ kar bi abegyina baabi a maame no a ɔbɔɔ yɛn sobo no wɔ no. Maame no pue bae ne mmarima mmienu a ɛwɔ kar no mu no bɛkasae, na esiane sɛ na ehu aka no nti na ɔde ne nsa rekyerɛkyerɛ yɛn so. Mmarima no tuu kar no bɔkɔɔ baa baabi a yegyina no bebisaa yɛn nsɛm kakra faa bere a bɔs no bɛba ho. Bɔs no bedui no, wɔne drɔbani no kasae. Yɛante nea wɔkae no. Yɛn nko ara na na yɛte bɔs no mu, enti na yegye di paa sɛ wɔde yɛn rekɔ baabi ne yɛn akodi no nwenweenwene. Nanso ɛnyɛ saa na na ɛte. Meresi afi bɔs no mu no, mibisaa drɔbani no sɛ: “Saa mmarima no, na wɔrebisa yɛn ho asɛm anaa?” Ɔkaa sɛ: “Minim nnipa ko a moyɛ, enti meka kyerɛɛ wɔn. Munnsuro, biribiara nyɛ mo.”
Yɛn ayeforohyia da, March 1977
Afe 1976 no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Dublin, na mihyiaa Pauline Lomax. Ná ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw a ofi England aba nhyiam no bi. Ná ɔyɛ ɔbea hoɔfɛfo hobrɛasefo a ɔmfa ne som nni agorɔ. Ná wɔde nokware no atete ɔne ne nuabarima Ray fi wɔn mmofraase pɛɛ. Afe baako akyi no, mewaree Pauline, na yɛtoaa so yɛɛ akwampaefo atitiriw wɔ Ballymena, Northern Ireland.
Yɛyɛɛ ɔmansin adwuma kakra wɔ Belfast, Londonderry, ne mmeae afoforo a ɛhɔ yɛ hu. Yɛn nuanom a kan no na atorosom nkyerɛkyerɛ adi wɔn ti, na nnipa mu nyiyim ne ɔtanhunu ahyɛ wɔn ma, nanso wɔtumi yɛɛ nsakrae bɛsom Yehowa no, wɔn gyidi hyɛɛ yɛn den paa. Hwɛ sɛnea Yehowa hyiraa wɔn na ɔbɔɔ wɔn ho ban!
Metenaa Ireland mfe du. Afei afe 1981 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔ Gilead adesuakuw a ɛtɔ so 72 no bi. Yewiei no, wɔde yɛn kɔɔ Sierra Leone, a ɛwɔ Afrika Atɔe.
SIERRA LEONE—AHIA WƆN NANSO WƆWƆ GYIDI
Ná yɛne anuanom 11 te asɛmpatrɛwfo fie. Ná yɛn gyaade yɛ baako, agyananbea mmiɛnsa, aguaree mmienu, tɛlefon baako, afiri a yɛde si nneɛma baako ne afiri a yɛde nneɛma hyɛ mu ma ɛwo nso baako. Dumsɔ de, na yɛfa no kwa. Nkura gyee dan no soro bɔɔ so, ɛnna aprammiri nso gyee dan no ase bɔɔ so.
Meretwa asubɔnten bi akɔ ɔmantam nhyiam wɔ Guinea
Ɛwom sɛ na ɛhɔ asetena nna fam, nanso na yɛn ani gye wɔ asɛnka mu paa. Ná nkurɔfo ani gye Bible no ho, na na wɔyɛ aso tie asɛmpa no. Nnipa pii suaa Bible no, na wɔbegyee nokware no. Ná kurom hɔfo taa frɛ me “Owura Robert.” Ná wɔfrɛ Pauline “Owurayere Robert.” Nanso akyiri yi a m’adwuma dɔɔso wɔ Betel a na mintumi nkɔ asɛnka pii sɛ kan no, nkurɔfo fii ase frɛɛ Pauline “Owurayere Pauline.” Afei de na wɔfrɛ me “Owura Pauline.” Ná Pauline nso pɛ no saa.
Yɛrekɔyɛ asɛnka adwuma wɔ Sierra Leone
Ná anuanom pii di hia, nanso daa na Yehowa ma wɔn nsa ka nea wɔhia, na ɛtɔ da a akwan a na ɔfa so yɛ saa no, na ɛyɛ nwanwa. (Mat. 6:33) Mekae onuawa bi; na sika a aka wɔ ne ho ara ne nea ɔne ne mma de bɛtɔ aduan adi saa da no, nanso ɔde maa onua bi a na atiridii ayɛ no a ohia sika a ɔde bɛtɔ aduru anom. Saa da no ara ɔbea bi baa onuawa no hɔ bere a ɔnhwɛ kwan bɛmaa no sika sɛ ɔnyɛ ne ti mma no. Osuahu pii a ɛtete saa sisii.
MISUAA AMAMMERƐ FOFORO WƆ NIGERIA
Yɛtenaa Sierra Leone mfe nkron. Ɛno akyi no, wɔde yɛn kɔɔ Nigeria Betel. Ná ɛhɔ Betel no so. Me de, ɔfese adwuma a na meyɛ wɔ Sierra Leone no, ɛno ara na na meyɛ wɔ Nigeria Betel, nanso Pauline de, na nsakrae no so ma no, na na ɛnna fam. Ná ɔde nnɔnhwerew 130 kɔ asɛnka bosome biara, na na ɔyɛ Bible adesua a etu mpɔn pii. Nanso saa bere yi de, wɔde no kɔɔ baabi a wɔpam ade, na na ɔpempam ntaade a atetew. Egyee bere kakra ansa na ɛne ne ho regye, nanso obehui sɛ na afoforo ani sɔ adwuma a ɔyɛ no paa, enti ɔhwehwɛɛ hokwan de hyɛɛ ne nuanom a ɔne wɔn wɔ Betel no nkuran.
Ná Nigeriafo amammerɛ yɛ ade foforo koraa ma yɛn, enti na yɛwɔ pii sua. Da bi, onua bi de onuawa bi a afei na na waba Betel baa me ɔfese bekyiaa me. Bere a meteɛɛ me nsa sɛ merekyia onuawa no, ɔkotow me nan ase. Me ho dwiriw me! Ɛhɔ ara na kyerɛwnsɛm mmienu baa m’adwene mu; nea ɛwɔ Asomafo Nnwuma 10:25, 26 ne Adiyisɛm 19:10 no. Ná mintumi nhu sɛ, menka nkyerɛ no sɛ mma ɔnnyɛ saa o. Nanso mihui sɛ wɔama no kwan sɛ ɔmmra Betel yi de, onim nea Bible kyerɛkyerɛ.
Yɛrebɔ nkɔmmɔ nyinaa na me tirim nteɛ me koraa, enti ɛno akyi no, meyɛɛ nhwehwɛmu kakra. Mibehui sɛ nea onuawa no yɛe no, na ɛyɛ amammerɛ a ɛwɔ ɔman no mu a ebinom da so di akyi wɔ ɔman no afa bi. Ná mmarima nso kotow saa ara. Ná wɔyɛ saa de kyerɛ obu. Enti na ɛnyɛ ɔsom; ɛho nhwɛso mpo wɔ Bible mu. (1 Sam. 24:8) Ɛyɛɛ me dɛ paa sɛ manka biribiara a ɛbɛhyɛ me nuabea no aniwu.
Yehyiaa Nigeriafo bebree a wɔde mfe pii akyerɛ sɛ wɔn gyidi da mu fua. Yɛnhwɛ Isaiah Adagbona.a Ɔyɛ aberante no na ohuu nokware no, nanso akyiri yi kwata yɛɛ no. Enti wɔde no kɔɔ baabi a akwatafo te, na ɔno nko ara na na ɔyɛ Ɔdansefo. Ɔsɔretia a ohyiae nyinaa akyi no, otumi boaa akwatafo bɛboro 30 ma wɔsuaa nokware no, na ɔhyehyɛɛ asafo wɔ hɔ.
KENYA—ANUANOM NYAA ME HO ABOTARE
Bɛnkoro bi a ne maame awu agyaw no wɔ Kenya
Afe 1996 no, wɔde yɛn kɔɔ Kenya Betel. Sɛnea mekaa wɔ mfitiase no, na makɔ Kenya pɛn, enti na wei ne ne mprenu so a meresan akɔ hɔ. Ná yɛte Betel. Ná nkontromfi taa ba hɔ paa. Sɛ anuanom mmea no kura nnuaba a, na wɔtumi behwim kɔ. Da bi onuawa baako a ɔwɔ Betel anto ne mpomma mu. Obeduu dan mu no, ɔnkɔhwɛ a, nkontromfi bebree na wɔgu ne dan mu redi n’aduan yi. Ɛhɔ ara na ɔteɛɛm na ɔde mmirika puei. Nkontromfi no nso teɛteɛɛm faa mpomma no mu kɔe.
Me ne Pauline kɔɔ Swahili asafo mu. Ankyɛ koraa na wɔka kyerɛɛ me sɛ menhwɛ Asafo Nhoma Adesua (nea ɛnnɛ yɛfrɛ no Asafo Bible Adesua no) so. Nanso na mente kasa no papa. Ná midi kan sua nea yɛrekosua no, sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akenkan nsɛmmisa no. Nanso sɛ mmuae a anuanom bɛma no yɛ soronko kakraa bi mpo fi nea ɛwɔ nhoma no mu ho a, na ayɛ asɛm. Ná ɛhaw adwene paa! Ná anuanom no koraa ho yɛ me mmɔbɔ. Sɛnea wɔbrɛɛ wɔn ho ase gyee nhyehyɛe no toom, na wɔnyaa me ho abotare no kaa me paa.
UNITED STATES—WƆDI YIYE NANSO WƆWƆ GYIDI
Kenya de, yɛanni afe mpo wɔ hɔ. Afe 1997 no, wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛmmra Brooklyn Betel wɔ New York. Afei de, na yɛwɔ ɔman a wɔdi yiye mu, nanso na ɛno nso wɔ ne haw. (Mmeb. 30:8, 9) Ɔman a ɛte saa mu mpo no, anuanom no wɔ gyidi paa. Yɛn nuanom mfa wɔn bere ne wɔn agyapade nnwudwo wɔn ho, na mmom wɔde boa adwuma pa a Yehowa ahyehyɛde no reyɛ no.
Mfe pii a yɛde asom Yehowa no, yɛahu tebea ahorow a yɛn nuanom afa mu a ɛkyerɛ sɛ wɔwɔ gyidi. Ireland sei, basabasayɛ a na ɛrekɔ so nyinaa akyi no, anuanom kyerɛe sɛ wɔwɔ gyidi. Afrika nso, ɛwom sɛ ahia wɔn nanso wɔwɔ gyidi. United States nso, ɛwom sɛ wɔdi yiye nanso wɔwɔ gyidi. Ɛmfa ho nea Yehowa nkoa fa mu nyinaa akyi no, sɛ ohu sɛ wɔdɔ no a, hwɛ sɛnea n’ani gye fa!
Me ne Pauline wɔ Warwick Betel
Bere kɔ ntɛmntɛm “sen sɛnea ntamanwemfo nsa di akɔneaba no.” (Hiob 7:6) Seesei yɛne afoforo yɛ adwuma wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Warwick, New York no, na ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛne anuanom a wɔdodɔ wɔn ho yɛ adwuma. Yɛwɔ anigye ne akomatɔyam, na ɛyɛ yɛn dɛ sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara ataa yɛn Hene Kristo Yesu akyi. Ɛrenkyɛ ɔbɛma n’anokwafo nyinaa akatua.—Mat. 25:34.
a Isaiah Adagbona asetenam nsɛm baa April 1, 1998, Ɔwɛn-Aban, kr. 22-27 mu. Owui afe 2010.