Adesua Ho Nyansahyɛ
Nea Ɛwɔ He Na Ɛsɛ Sɛ Wudi Kan Sua?
Bere a yebenya de asua ade ho ayɛ den. Enti sɛn na yɛde bere kakra a yɛwɔ no bedi dwuma yiye? Nea edi kan, to wo bo ase. Sɛ wusua kakraa bi na woyɛ no yiye a, ɛbɛboa wo paa sen sɛ wode ahoɔhare bɛkenkan bebree.
Afei, hu nea wubedi kan asua. (Efe. 5:15, 16) Hwɛ nyansahyɛ a edidi so yi:
Kenkan Bible da biara. (Dw. 1:2) Bible akenkan a wɔatwa ama yɛn nnawɔtwe biara a ɛwɔ nnawɔtwe mfinimfini adesua no mu no, wubetumi de ɛno afi ase.
Sua Ɔwɛn-Aban Adesua ne nnawɔtwe mfinimfini adesua no. Sua no yiye na ama woatumi ama mmuae.—Dw. 22:22.
Afei nso, biribiara a wɔde begu jw.org te sɛ nsɛmma nhoma, video ne nneɛma afoforo no, bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan anaa wobɛhwɛ.
Fa biribi si w’ani so na sua ho ade kɔ akyiri. Ɔhaw bi a worehyia, asɛm bi a ɛkyere w’adwene anaa Bible mu asɛm bi a wopɛ sɛ wote ase yiye no, wubetumi ayɛ ho nhwehwɛmu.